Mmebusɛm 26 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Nkwaseafo, anihafo ne nkɔnkɔnsafo

1 Mmb 26.8 Sɛ ahohurubere mu sukyerɛma

ne twabere mu su te no,

sɛ anuonyam mfata ɔkwasea ne no.

2Sɛ akasanoma kyin na asomfena tu no,

saa ara na nnuabɔ hunu remma mu.

3 Nnw 32.9; Mmb 10.13 Pɔnkɔabaa fata ɔpɔnkɔ,

nnareka fata afurum,

na abaa nso fata ɔkwasea akyi.

4Mmua ɔkwasea n’agyimisɛm so,

na wo nso woanyɛ sɛ ɔno.

5Bua ɔkwasea n’agyimisɛm so,

na wanyɛ n’ani so onyansafo.

6Nea ɔde nsɛm soma ɔkwasea no

twitwa n’ankasa nan, na ɔnom mmusu.

7Sɛ apakye nan sensɛn hɔ no,

sɛ nkwasea anom abebusɛm te ne no.

8 Mmb 26.1 Sɛ abohene boaa te abokuw so no,

sɛ nea ɔhyɛ ɔkwasea anuonyam te ne no.

9Sɛ nsɔe poma te wɔ ɔsabofo nsam no,

sɛ nkwasea anom abebusɛm te nen.

10Nea ɔbɔ ɔkwasea ne anantefo paa no

te sɛ bɛmmatofo a opira nnipa nyinaa.

11 2 Pe 2.22 Sɛ ɔkraman san kɔ ne fe ho no,

sɛ ɔkwasea ti n’agyimisɛm mu ne no.

12 Mmb 3.7 Wuhu onipa a ɔyɛ n’ankasa ani so nyansafo a,

anidaso wɔ hɔ ma ɔkwasea sen no.

13 Mmb 22.13 Ɔkwadwofo se: Ɔsebɔ wɔ ɔkwan mu,

gyata wɔ mmɔnten so!

14 Mmb 6.9-11 Sɛ ɔpon dan ne ho ne mpontɛre so no,

sɛ Ɔkwadwofo nso yɛ ne kɛtɛ so nen.

15 Mmb 19.24 Ɔkwadwofo de ne nsa bɔ asanka mu,

ɛhaw n’ani sɛ ɔde bɛhyɛ n’anom.

16Ɔkwadwofo yɛ n’ani so nyansafo

sen nnipa baasɔn a wɔkyerɛ ade a ɛsɛ.

17Nea ɔde ne ho fra asɛm a ɛnyɛ ne de mu

te sɛ nea oso ɔkraman a ɔretwam aso mu.

18Sɛ ɔbɔdamfo a ɔtow nnyansramma,

agyan ne owu te no,

19sɛ onipa a ogyigye ne yɔnko,

na ɔka se: Agoru na meredi, te ne no.

20 Mmb 22.10 Nnyina sa a, ogya dum,

na sɛ huhuhuhu nni hɔ a, ntɔkwaw to twa.

21 Mmb 15.18 Sɛ gyabiriw yɛ ma nsramma, ne nnyina ma ogya no,

sɛ ɔbarima ntɔkwapɛfo ma ɔko ano sɔ ne no.

22 Mmb 18.8 Nea ɔpɛ huhuhuhu nsɛm te sɛ mfremfrem ade,

na esian kɔ nnipadua no mu pɛɛ.

23Ano fremfrem ne amumɔyɛ koma

te sɛ dwetɛ fi a wɔde adura asankagow ho.

24Nea ɔtan obi no de n’ano kyerɛ asɛm bi,

na ne mu de, osiesie nkontompo.

25Sɛ ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm a, nnye no nni,

na akyide ason wɔ ne komam.

26Nitan de nnaadaa kata ne ho,

nanso asafo mu wobeyi ne bɔne adi.

27 Nnw 7.15; Ɔsɛ 10.8 Nea otu amoa bɛhwe ɛno ara mu,

na nea omunum ɔbo no, ɛbɛsan aba no so.

28Atoro tɛkrɛma kyi wɔn atamfo,

na ano a ɛdɛfɛdɛfɛ de ɔsɛe ba.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help