Hesekiel 45 - KYER?W KRONKRON(RATB)

AWURADE kyɛfa a ɛwɔ ɔman no mu

1Na sɛ morebɔ asase no so ntonto de akyerɛ agyapade a, munyi so soma afɔrebɔde, asase no mu akronkronne mma AWURADE; ne ntwemu nyɛ susuw basafa mpem dumien ne ahanum, na ne trɛw nyɛ basafa mpem du; ɛne asase kronkron, ne hye nyinaa mu hyia.

2Eyi mu basafa ahanu aduonum a ɛma ɛyɛ ahinanan hyia no nyɛ kronkronbea no de, na basafa aduonu anum nyɛ ne mfikyisaase ntwa ho nhyia.

3Na asase a moasusuw no ara mu, susuw ntwemu basafa mpem dumien ne ahanum na ne trɛw basafa ɔpedu, na eyi mu na kronkronbea no, akronkronne mu kronkron no ntena;

4asase no mu akronkronne ne no, ɛnyɛ asɔfo a wɔsom kronkronbea a wɔbɛn bɛsom AWURADE no de, na ɛnyɛ wɔn adan sisibea ne kronkronbea ho kronkronbea.

5Na ntwemu basafa mpem dumien ne ahanum no ne ne trɛw mu basafa mpem anum nyɛ Lewifo a wɔyɛ ofi no mu asomfo de, na ɛnyɛ wɔn kyɛfa, nkurow a wɔbɛtena mu mu.

6Nanso munyi kurow no kyɛfa a ne trɛw basafa mpem abien ne ahanum na ne ntwemu basafa mpem dumien ne ahanum, kronkronbea soma afɔrebɔde no ho, ɛnyɛ Israel fi nyinaa dea.

Ahenemma no nsaase

7 Hes 44.3; 48.21-22 Na ɔberɛmpɔn no de no nna kronkronbea no soma afɔrebɔde ne kurow no kyɛfa no nkyɛn mu ha ne ha, kronkronbea no soma afɔrebɔde ne kurow no kyɛfa no anim, atɔe fam de rekɔ atɔe, ne apuei fam de rekɔ apuei, ntwemu ne mmusuakuw no kyɛfa no mmiako mmiako de no nsɛ, emfi atɔe hye so nkɔ apuei hye so;

8asase no na ɛnyɛ ne kyɛfa Israel mu, na m’aberɛmpɔn anhyɛ me man so bio, na wɔmfa asase no mma Israel fi sɛ wɔn mmusuakuw no te.

9 Hes 46.18 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Momma ɛnnɔɔ mo so, Israel abirempɔn, munyi amimdi ne nhyɛso, na monyɛ atemmude ne atreneede, munyae sɛ monam ɔhyɛ so gye nsaase fi me nkurɔfo nsam, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

Ahenemma no mmara

10 Lew 19.36; Deut 25.15 Munnya nsenia pa ne olonka papa ne galɔn pa;

11olonka ne galɔn nsusuwii nyɛ biako, na galɔn nkura homer nkyɛmu du mu biako, na olonka nso nyɛ homer nkyɛmu du mu biako; ne nsusuwii nyɛ sɛ homer biako.

12Na dwetɛbona nyɛ gera aduonu, nnwetɛbona aduonu anum, nnwetɛbona dunum nyɛ mo mane.

13Eyi ne soma afɔrebɔde a momma so: Awi homer mu olonka nkyɛmu asia mu biako ne atoko homer mu olonka nkyɛmu asia mu biako;

14na ngo ho ahyɛde ni: Ngo bat no, bat nkyɛmu du mu biako na momma mfi susukora a ɛne homer a edi bat du no mu; na bat du na ɛyɛ homer;

15na oguan biako a ofi nguankuw mu, nguan ahanu a ɛwɔ Israel adidibea a ɛhɔ afɔw no mu, na ɛnyɛ aduan afɔre ne ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre, na wɔmfa mpata mma wɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

16Asase no so man nyinaa mfa soma afɔrebɔde yi mma Israel mu birɛmpɔn no.

17Na nea ɛda ɔberɛmpɔn no so ne sɛ ɔmma ɔhyew afɔre, aduan afɔre ne ahwiesa, nnapɔnna ne asram foforo ne home nna wɔ Israel fi afa a wɔhyehyɛ nyinaa mu, ɔno ara na ɔmma bɔne ho afɔre ne aduan afɔre ne ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre a wɔde pata ma Israel fi no.

Afahyɛ no(Eksodɔs 12.1-20; Lewitikɔs 23.33-43)

18Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɔsram a edi kan no da a edi kan no, fa nantwiforo a onni dɛm yi kronkronbea no ho bɔne.

19Na ɔsɔfo no mfa bɔne ho afɔre mogya no bi nkeka ofi no apongua ne afɔremuka no afofare no twea anan ne emu fam abangua ponkɛse no apongua ho.

20Lew 4.2; 5.17 Na ɔsram no da a ɛto so ason no, yɛ saa ara, nea wafom anibiannaso ne ne ntetekwaasɛm so no nti, na momfa mpata mma ofi no.

21 Lew 23.5 Ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no nyɛ mo twam nnapɔnna nnansɔn; apiti na wonni.

22Na ɔberɛmpɔn no mfa nantwinini bi da no ara mmɔ n’ankasa ne asase no so man nyinaa ho bɔne ho afɔre;

23Num 28.19-22 na afahyɛ nnansɔn no nyinaa, ɔmmɔ ɔhyew afɔre mma AWURADE, anantwinini ason ne adwennini ason a dɛm nni wɔn ho, nnafua ason yi daa, ne bɔne ho afɔre nso, ɔpapo biako da biara;

24Hes 46.5; Num 15.4; 6.9 na ɔmma aduan afɔre nso, nantwi biako de olonka biako, ne odwennini biako de olonka biako, na ngo susutoa biako nka olonka biako ho.

25Lew 23.24 Ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum no, afahyɛ no mu no, ɔnyɛ sɛ eyi ara nnansɔn, sɛ bɔne ho afɔre ne ɔhyew afɔre ne aduan afɔre ne ngo no ara.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help