Hebrifo 10 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Kristo bɔɔ afɔre prɛko maa nnipa nyinaa

1 Heb 8.5; 7.19 Na ɛnam sɛ mmara no kura nnepa a ɛbɛba no nhwɛso na ɛnyɛ nneɛma no suban ankasa nti, entumi mfa afɔre koro no ara a wɔbobɔɔ no afe afe nyɛ wɔn a wɔbɔ no pɛ da;

2na sɛ asɔrefo a wɔatew wɔn ho prɛko nni bɔne ho ahonim bio a, anka wɔannyae afɔrebɔ anaa?

3Lew 16.21 Na mmom bɔne ho nkae wɔ mu daa afirihyia,

4efisɛ anantwinini ne mmerekyi mogya ntumi nyi bɔne mfi hɔ.

5 Nnw 40.6-8 Enti ɔreba wiase no, ɔka sɛ:

Afɔre ne ayɛyɛde, woampɛ,

ɔhonam na woasiesie de ama me.

6Ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre

ansɔ w’ani.

7Ɛno na mekae sɛ: Hwɛ, mereba,

wɔakyerɛw me ho asɛm wɔ nhoma mmobɔwee no mu

sɛ merebɛyɛ nea wo, Onyankopɔn, wopɛ.

8Kan no, ɔka sɛ: Afɔre ne ayɛyɛde ne ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre, woampɛ, nanso ansɔ w’ani, (ɛne nea wɔnam mmara so de ma).

9Ɛno na ɔkae sɛ: Hwɛ, maba sɛ merebɛyɛ nea wopɛ; oyi nea edi kan, na ɔde nea ɛto so abien no asi hɔ.

10Heb 9.12; 9.28 Saa ɔpɛ no mu na wɔnam Yesu Kristo honam a ɔde bɛmae no so atew yɛn ho prɛko.

11 Eks 29.38; Heb 10.1 Na ɔsɔfo biara sɔfo gyina hɔ daa resom, na ɔtaa bɔ afɔre koro no ara a entumi nyi bɔne mfi hɔ da.

12Heb 10.10; 10.14 Na ɔno de, onya bɔɔ bɔne ho afɔre biako no, ɔkɔtenaa Onyankopɔn nifa.

13Nnw 110.1 Na nea aka ne sɛ ɔtwɛn kodu sɛ wɔde n’atamfo bɛyɛ ne nan ase ntiaso.

14Heb 10.12 Na ɔde afɔre koro a ɔbɔe no ayɛ wɔn a wɔatew wɔn ho no awie pɛyɛ.

15Na Honhom Kronkron nso di yɛn adanse. Efisɛ ɔkae kan sɛ:

16 Yer 31.33; Heb 8.10 Eyi ne apam a nna no akyi

me ne wɔn bɛpam no, Awurade na ose:

Mede me mmara bɛhyɛ wɔn komam,

na makyerɛw wɔ wɔn adwenem,

17 Yer 31.34; Heb 8.12 Ɔka toa so sɛ: Na wɔn bɔne ne wɔn mmarato nso merenkae bio.

18Na nea eyinom fakyɛ wɔ no, bɔne ho afɔrebɔ nni hɔ bio.

Onyankopɔn anim kɔ kwan

19 Mat 27.51 Enti, anuanom, sɛ yɛwɔ Yesu mogya mu nnam a yɛde bɛkɔ kronkron hɔ,

20Heb 9.8 esiane ɔkwan a wɔasiesie yɛn, ɔkwan foforo a ɛwɔ nkwa a ɛfa ntwamutam, ɛne sɛ ne honam mu,

21ne sɛ yɛwɔ Onyankopɔn fi so sɔfo kɛse nti,

22Heb 4.16; Efe 5.26 momma yɛmfa nokware koma wɔ gyidi a akyinnye nnim koraa mu mmɛn sɛ nnipa a wɔapete wɔn koma ho afi ahonim bɔne mu, na wɔde nsu krogyenn aguare wɔn nipadua.

23Heb 4.14 Momma yenso anidaso asɛm a yegyina so ka no mu pintinn, efisɛ ɔnokwafo ne nea ɔhyɛɛ bɔ no,

24Heb 13.1 na momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.

25Heb 3.13; 10.37 Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, sɛnea ebinom yɛ no, na mmom momma yentutu yɛn ho yɛn ho fo, dodow a muhu sɛ Ɛda no rebɛn no.

Ɔwae yɛ ade a ɛyɛ hu

26 Heb 6.4-8 Na sɛ yenya nya nokware no mu nimdeɛ, na akyiri yi yɛboapa kɔyɛ bɔne a, na bɔne ho afɔre biara nni hɔ bio,

27na mmom nea aka ne atemmu akwanhwɛ bi a ɛyɛ hu, ne ogya a ɛrebɛhyew atamfo no pasaa.

28Num 15.30; Deut 17.6 Sɛ obi po Mose mmara a, ɔkwati mmɔborohunu gyina adansefo baanu anaa baasa anom asɛm so wu.

29Heb 2.3 Akatua a enye koraa bɛn na mususuw sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde betua nea watiatia Onyankopɔn Ba no so, na wabu apam mogya a wɔde atew ne ho no ahuhude, na wasopa adom honhom no?

30Deut 32.35-36 Na yenim nea ɔkae sɛ: Me na aweredi wɔ me, me na metua ka. Na bio: Awurade bebu ne man atɛn.

31Onyankopɔn a ɔte ase no nsam hwe yɛ hu.

32 Heb 6.4 Na monkae sɛ kan nna a munyaa hann no, mumiaa mo ani huu ɔko bebree mu amane.

331 Ko 4.9 Ebi ne sɛ monam ahohora ne ahohia so yɛɛ aguasode, ebi nso ne sɛ moyɛɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn saa no mfɛfo.

34Mat 6.20; 19.21; 19.29 Na momaa nneduafo amane kaa mo, mode anigye nso penee mo nneɛma fow sɛ munim sɛ mowɔ ahode a eye kyɛn so, ɔsoro a ɛtena hɔ no mu.

35Enti monntow mo nnamyɛ a ɛwɔ akatua kɛse no nnkyene.

36Luka 21.19 Na boasetɔ hia mo, na, sɛ muwie nea Onyankopɔn pɛ no yɛ a, mo nsa aka bɔhyɛ no.

37 Hab 2.3 Na aka kakraa bi

na nea ɔbɛba no aba, na ɔrenkyɛ.

38 Hab 2.4; Rom 1.17 Na nea ɔteɛ no fi gyidi mu benya nkwa,

na sɛ ɔtwe ne ho a, me kra ani rensɔ no.

39Na yɛn de, yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu no mu, na mmom yɛfra wɔn a wogye di kɔ nkwagye mu no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help