1 Yer 52.4-16; 2 Ah 25.1-12 Na wɔfaa Yerusalem no, Yuda hene Sedekia afe a ɛto so akron, ɔsram a ɛto so du no so na Babel hene Nebukadnesar ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem bɛkaa no hyɛɛ mu.
2Sedekia afe a ɛto so dubiako, ɔsram a ɛto so anan, da a ɛto so akron na woburuw kurow no,
3na Babel hene mmapɔmma nyinaa ba bɛtenaa mfinimfini ponkɛse no mu: Nergal-sareser, Samgar-nebo, Sarsekim a ɔyɛ Rabsaris, Nergal-sareser a ɔyɛ Rabmag, ne Babel hene mmapɔmma a aka no nyinaa.
4Na Yuda hene Sedekia ne mmarima akofo no nyinaa huu wɔn no, woguanguanee, na wofii kurow no mu anadwo, ɔhene turom kwan so faa ɔponkɛse mu, afasu abien no ntam, na ofii adi faa tataw mu kwan so kɔe.
5Na Kaldeafo dɔm no tiw wɔn, na wɔkɔtoo Sedekia Yeriko tataw mu, na wɔfaa no de no foro kɔɔ Babel hene Nebukadnesar nkyɛn Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na ɔne no yii ntɛn wɔ hɔ.
6Na Babel hene kunkum Sedekia mma n’anim Ribla; na Yuda adehye nyinaa nso, Babel hene kunkum wɔn.
7Na ɔbobɔɔ Sedekia aniwa, na ɔma wɔde kɔbere mpokyerɛ guu no, sɛ wɔmfa no nkɔ Babel.
8Na ahemfi ne ɔmanfo no afi de, Kaldeafo no de ogya hyewee, na woburuw Yerusalem afasu no.
9Na ɔman no nkae a wɔkae kurow no mu ne awaefo a wɔwae baa ne nkyɛn ne ɔman no nkae a wɔkae no, abrafohene Nebusaradan tuu wɔn kɔɔ Babel.
10Nanso ankɔbeahene Nebusaradan gyaw ɔman no mu ahiafo a wonni biribi no mu bi wɔ Yuda asase no so, na ɔde bobe nturo ne mfuwa momaa wɔn da no.
Nebukadnesar bɔ Yeremia ho ban11Na Babel hene Nebukadnesar hyɛɛ ankɔbeahene Nebusaradan wɔ Yeremia ho sɛ:
12Fa no ma w’ani nku ne ho, na nyɛ no bɔne biara. Na sɛnea ɔbɛka akyerɛ wo no, saa ara na yɛ ma no.
13Ɛnna ankɔbeahene Nebusaradan ne mpiafohene Nebusasban, ne Rabmag, Nergal-sareser, ne Babel hene atitiriw no nyinaa,
14Yer 38.28; 40.5-6 soma ma wɔkɔfaa Yeremia fii awɛmfo abangua mu bae, na wɔde no maa Safan ba Ahikam ba Gedalia sɛ ɔmfa no mfi hɔ nkɔ fie, na ɔkɔtenaa nkurɔfo no mu.
Ebed-melek nhyira15Na Yeremia da so da duam awɛmfo abangua no mu no, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ:
16Yer 38.7 Kɔ na kɔka kyerɛ Etiopiani Ebed-melek sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Hwɛ, merema me nsɛm no aba mu kurow yi so, na asi wɔn bɔne, na ansi wɔn yiye, w’anim na ɛbɛba mu da no.
17Nanso ɛda no, meyi wo, AWURADE asɛm ni, na wɔremfa wo nhyɛ mmarima a wusuro wɔn anim no nsa.
18Hiob 5.20 Na ofi na mɛma woafi mu afi, na worentɔ afoa ano; na wo kra bɛdan wo asade, efisɛ wode wo ho too me so, AWURADE asɛm ni.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.