Adiyisɛm 11 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Adansefo baanu no

1 Hes 40.3; Sak 2.1-2 Na wɔmaa me demmire a ɛte sɛ abaa kae sɛ: Sɔre na susuw Onyankopɔn asɔredan ne afɔremuka ne wɔn a wɔsɔre wɔ mu no.

2Luka 21.24; Adi 11.3; 12.6; 12.14; 13.5 Na adiwo a ɛwɔ asɔredan no ho no de, gyaw to hɔ, na nsusuw, efisɛ wɔde ama amanaman mufo, na wobetiatia kurow kronkron no so asram aduanan abien.

3Adi 11.2 Na mɛma m’adansefo baanu afurafura atweaatam abɛka adiyisɛm nna apem ahanu aduosia.

4 Sak 4.3; 4.11-14 Eyinom ne ngodua abien ne akaneadua abien a egyinagyina asase wura anim no.

52 Ah 1.10 Na sɛ obi pɛ sɛ ɔhaw wɔn a, ogya fi wɔn anom bɛmene wɔn atamfo: Na sɛ obi pɛ sɛ ɔhaw wɔn a, etwa sɛ wokum no saa ara.

61 Ah 17.1; Eks 7.19-20 Eyinom wɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu na osu ntɔ wɔn adiyi nna no mu, na wɔwɔ nsu so tumi sɛ wɔma ɛdan mogya, ne sɛ wɔde haw biara haw asase da biara a wɔpɛ.

7 Adi 13.1; 13.7; 17.8 Na sɛ wowie wɔn adansedi a, aboa a ofi ebun no mu no betu wɔn so sa, na wadi wɔn so nkonim na wakum wɔn.

8Adi 16.19; Yes 1.9-10; Luka 13.34 Na wɔn afunu bɛdeda kurow kɛse no abɔnten so, kurow a honhom mu wɔfrɛ no Sodom ne Misraim, nea wɔbɔɔ wɔn Awurade nso asɛnnua mu no.

9Na nkurɔfo ne mmusuakuw ne ɔkasa horow ne aman mu binom bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma wɔmfa wɔn afunu no ntoto ɔda mu.

10Na wɔn a wɔtete asase so ani begye wɔn ho, na wɔn bo atɔ wɔn yam, na wɔamenamena wɔn ho ade, efisɛ adiyifo baanu yi ateetee wɔn a wɔte asase so.

11Na nnansa ne fa akyi no, nkwa honhom fii Nyankopɔn mu bɛhyɛn wɔn mu, na wogyinagyinaa hɔ, na ehu kɛse kaa wɔn a wohuu wɔn no.

122 Ah 2.11 Na wɔtee nne kɛse bi fi soro a ɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momforo mmra ha! Na wɔforo faa omununkum no mu, na wɔn atamfo no huu wɔn.

13Na ɛdɔn no ara mu asase wosowee kɛse, na kurow no nkyɛm du mu biako hwee ase, na asasewosow no kum nnipa mpemnson. Na wɔn a ɛkae no suroe, na wɔhyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn anuonyam.

14Adi 9.12; 11.15; 12.12 Mmusu a ɛto so abien no atwam. Hwɛ, Mmusu a ɛto so abiɛsa reba ntɛm.

15 Dan 2.44; 7.27; Sak 14.9 Na ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛnee ne torobɛnto no.

Na ɛnne akɛse gyigyegyigyei ɔsoro sɛ:

Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade

ne Kristo no de,

na obedi hene daa daa.

16 Adi 4.4; 4.10; 7.11 Na mpanyimfo aduonu anan a wɔtete wɔn nhengua so Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuw fam, na wɔkotow Onyankopɔn

17 Adi 4.8 kaa sɛ:

Yɛda wo, Awurade Nyankopɔn,

ade nyinaa so tumfo a wowɔ hɔ dedaw, na wowɔ hɔ no ase,

sɛ woafa wo tumi kɛse, na woafi ase di hene.

18 Adi 15.1; Nnw 2.1; 2.5; 2.12 Na amanaman no bo afuw,

na w’abufuw ne awufo bere no adu

sɛ wubebu atɛn, na woama wo nkoa, adiyifo ne ahotefo

ne wɔn a wosuro wo din,

nketewa ne akɛse no akatua,

na woasɛe wɔn a wɔasɛe asase no.

19 Adi 15.5; 4.5 Na wohiɛɛ Onyankopɔn asɔredan no ɔsoro, na wohuu n’apam adaka no n’asɔredan no mu. Na anyinam ne nne ne aprannaa ne asasewosow ne asukɔtweaagu kɛse bae.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help