1Ɛda no na wobɛka sɛ:
Mɛda wo ase, O AWURADE,
sɛ, wo bo fuw me mpo a,
w’abufuw no asan,
na woakyekye me werɛ.
2 Nnw 56.4; Eks 15.2 Hwɛ, me nkwagye Nyankopɔn ni.
Metweri no, na minsuro,
na m’ahoɔden ne me dwom ne AWURADE Nyankopɔn ne m'ahoɔdenne me dwom,
na wabɛyɛ me nkwagye.
3 Sak 13.1; Nnw 46.4 Na mode anika bɛsaw nsu afi nkwagye asubura no mu.
41 Be 16.8; Nnw 105.1 Na da no mobɛka sɛ:
Monkamfo AWURADE,
mommɔ ne din.
Momma wonhu ne nneyɛe, aman mu.
Monka sɛ wɔama ne din so!
5Monto dwom mma AWURADE, na wayɛ ade akɛse;
momma wonhu eyi asase nyinaa so.
6Sion babea, huro na di ahurusi,
na Israel kronkronni a ɔwɔ wo mu no so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
