1
5Nea ɛbɛyɛ na wɔagye w’adɔfo nti
fa wo nifa gye yɛn nkwa, na gye yɛn so.
6Onyankopɔn akasa n’ahotew mu:
Medi ahurusi, mɛkyɛ Sekem mu,
na masusuw Sukot bon.
7 Gye 49.10 Gilead wɔ me, na Manase wɔ me,
na Efraim yɛ me ti so dadekyɛw,
Yuda yɛ m’ahempoma
8Moab yɛ me guasɛn,
Edom so na mɛtow me mpaboa magu,
me nti Filistifo asase teɛteɛm.
9Hena na ɔde me bɛkɔ kurow dennen no mu,
hena na obegya me akɔ Edom?
10Ɛnyɛ wo, Nyankopɔn, na woasum yɛn agu yi,
na wo, Nyankopɔn, ne yɛn dɔm ankɔ?
11Bɛboa yɛn ahohia mu,
na onipa gye nyɛ ogye bi.
12Yɛde Nyankopɔn na ɛbɛyɛ mmaninne,
na ɔno na obetiatia yɛn ahohiafo so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
