Marko 14 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Wɔpam Yesu tiri so(Mateo 26.1-5; Luka 22.1-2)

1Na aka nnanu na Twam ne Apiti afahyɛ adu no, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo no hwehwɛe sɛnea wɔbɛyɛ akyere no nyansam na wɔakum no.

2Na wɔkae sɛ: Ɛnyɛ afahyɛ no mu, na basabasa amma ɔman no mu.

Ɔdɔ akyɛde bi(Mateo 26.6-13; Yohane 12.1-8)

3Na ɔwɔ Betania, Simon kwatani fi. Na ɔtenaa ɔpon ho no, ɔbea bi a okura sradehuam toa, a ngo huamhuam a ne bo yɛ den wɔ mu bae, na ɔbɔɔ toa no hwie guu ne mpampam.

4Na ebinom wɔ hɔ a anyɛ wɔn abodwo wɔ wɔn mu, na wɔkekae sɛ: Adɛn nti na wɔsɛee ngo huamhuam yi?

5Anka wobetumi atɔn ngo huamhuam yi agye bɛboro denare ahasa, na wɔde ama ahiafo. Na wonwiinwii tiaa no.

6Na Yesu kae sɛ: Munnyaa no! Adɛn na morehaw no? Wayɛ me ho adwuma pa.

7Yuda yi Yesu ma(Mateo 26.14-16; Luka 22.3-6)

10Na Yuda Iskariot, dumien no mu biako, siim kɔɔ asɔfo mpanyimfo no nkyɛn sɛ obeyi no ama wɔn.

11Na wɔtee no, ɛyɛɛ wɔn anigye, na wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wɔbɛma no sika bi, na ɔhwehwɛe sɛnea obenya kwan ayi no ama bere a ɛsɛ mu.

Twam no siesie(Mateo 26.17-19; Luka 22.7-13)

12Na Apiti da a edi kan a wokum Twam guan no, n’asuafo no bisaa no sɛ: Ɛhe na wopɛ sɛ yekosiesie ma wokodi Twam no?

13Na ɔsomaa n’asuafo no mu baanu, na osee wɔn sɛ: Monkɔ kurow no mu! Na onipa bi a ɔso ahina behyia mo; munni n’akyi,

14Adidi Kronkron asehyɛ

22 Petro pa ho nkɔmhyɛ(Mateo 26.30-35; Luka 22.31-34; 22.39)

26Na wɔtoo dwom no, wofii adi kɔɔ Ngo Bepɔw no so.

27

efisɛ wɔakyerɛw sɛ:

Mɛbɔ oguanhwɛfo no,

na nguan no abɔ apete.

28 Yuda ne asraafo ba(Mateo 26.47-58; Luka 22.47-55; Yohane 18.2-18)

43Na amonom hɔ ara, ogu so rekasa no, Yuda, dumien no mu biako, bae, na nkurɔfokuw bebree a wokurakura nkrante ne mmaa fi asɔfo mpanyimfo ne kyerɛwfo ne mpanyimfo no nkyɛn ka ne ho.

44Na nea oyii no mae no ama wɔn sɛnkyerɛnne sɛ: Nea mefew n’ano no, ɔne no, monkyere no, na monso no mu yiye mfa no nkɔ!

45Na odui no, ntɛm ara na ɔbaa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Rabi! Na ofew n’ano.

46Na wɔde wɔn nsa kosoo no mu kyeree no.

47Na wɔn a wogyina hɔ no mu biako twee ne nkrante de bɔɔ ɔsɔfo panyin akoa twaa n’aso.

Yesu kyere ne n’asuafo no guan

48Na Yesu bisaa wɔn sɛ: Moaba sɛnea moreba odwowtwafo so de nkrante ne mmaa rebɛkyere me?

49Daa mewɔ mo nkyɛn asɔrefi mekyerɛkyerɛ no, moankyere me; na sɛ kyerɛw nsɛm no bɛba mu ntia!

50Na wɔn nyinaa gyaw no guanee.

51Na aberante bi a ofura nwera de akata n’adagyaw so dii n’akyi; na wɔkyeree no;

52na ogyaw nwera no, fii wɔn nsa de adagyaw guanee.

Yesu gyina ɔsɔfo panyin anim

53Na wɔde Yesu kɔɔ ɔsɔfo panyin no nkyɛn, na asɔfo mpanyimfo ne mpanyimfo ne kyerɛwfo no nyinaa behyiae.

54Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri koduu ɔsɔfo panyin no aban mu, na ɔne asomfo no kɔtenaa hɔ too gya.

(Mateo 26.59-68; Luka 22.63-71; Yohane 18.19-24)

55Na asɔfo mpanyimfo ne baguafo no nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adanse pɛe sɛ wokum no, nanso wɔannya bi.

56Na nnipa pii dii adansekurum tiaa no, nanso wɔn adanse no anhyia.

57Na ebinom sɔre dii adansekurum tiaa no sɛ:

58

ɔte tumi nifa,

na ɔreba ɔsoro mununkum mu.

63Na ɔsɔfo panyin no sunsuanee ne ntade mu kae sɛ: Ɛdɛn hia na ehia yɛn adansefo bio?

64Yoh 19.7 Moate n’abususɛm no; mudwen ho dɛn? Na wɔn nyinaa buu no fɔ sɛ ɛsɛ sɛ owu.

65Na ebinom fii ase hinam ntasu guu no so, na wɔkataa n’ani, na wɔbobɔɔ no akuturuku, na wosee no sɛ: Hyɛ nkɔm! Na asomfo no bobɔɔ no asotɔre.

Petro pa Yesu(Mateo 26.69-75; Luka 22.56-62; Yohane 18.15-18, 25-27)

66Na Petro wɔ fam adiwo hɔ no, ɔsɔfo panyin no mmaawa mu biako bae,

67na ohuu Petro sɛ ɔreto gya no, ɔhwɛɛ no haa kae sɛ: Wo nso wo ne Nasareni Yesu no na ɛnam!

68Na ɔsanee sɛ: Minnim na mente nea woka yi ase po. Na ofii adi kɔɔ abrannaa no mu, na akokɔ bɔnee.

69Na abaawa no huu no bio, na ofii ase ka kyerɛɛ wɔn a wogyina hɔ no sɛ: Oyi fra wɔn mu bi.

70Na ɔsanee bio. Na ɛkyɛe kakra no, wɔn a wogyina hɔ no ka kyerɛɛ Petro bio sɛ: Ampa wofra wɔn mu; efisɛ woyɛ Galileani.

71Na ofii ase dii nsew, na ɔkekaa ntam sɛ: Minnim onipa a moreka ne ho asɛm yi.

72Mar 14.30 Na amonom Mar 14.30hɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu so. Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Akokɔ remmɔn mprenu, na woapa me mprɛnsa. Na ne werɛ howee pii, na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu so ma osui!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help