2 Samuel 5 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Dawid di Israel ne Yuda nyinaa so hene(1 Berɛsosɛm 11.1-9; 14.1-7)

1 2 Sa 19.12 Ɛnna Israel mmusuakuw nyinaa baa Dawid nkyɛn Hebron bɛkae sɛ: Hwɛ wo nnompe ne wo honam ne yɛn.1 Be 11.1-9

21 Sa 13.14; 25.30 Nso kan no a Saul di yɛn so hene no wone nea ɔde Israel fi adi na wode wɔn ba mu; na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛn me man Israel, na wo na wubedi Israel so panyin.

32 Sa 2.4; 1 Sa 16.13 Na Israel mpanyin nyinaa baa ɔhene nkyɛn Hebron, na ɔhene Dawid ne wɔn pamee Hebron, AWURADE anim, na wɔsraa Dawid de no sii Israel so hene.

41 Ah 2.11; 1 Be 29.27 Dawid bedii hene no na wadi mfe aduasa, na odii hene mfirihyia aduanan.

5Odii Yuda so hene Hebron mfe ason ne asram asia, na odii Israel ne Yuda nyinaa so hene mfe aduasa abiɛsa Yerusalem.

Dawid ko fa Yerusalem

6Na ɔhene ne ne mmarima kɔɔ Yerusalem kotuaa Yebusifo a wɔte asase no so no. Na Yebusifo no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Woremma ha na anifuraefo ne mpakye mpo besiw wo kwan. Na wodwen sɛ Dawid renkɔ mu hɔ.

7Nanso Dawid faa Sion aban no. Ɛne Dawid kurow no.

8Na Dawid kae da no sɛ: Obiara a obekum Yebusifo no nkodu nsuka no ho na onkunkum mpakye ne anifuraefo a Dawid kra tan wɔn no nso! Enti na wɔka sɛ: Onifuraefo ne apakye mmma ofie.

9Na Dawid tenaa aban no mu na ɔfrɛɛ no Dawid kurow. Na Dawid totoo ho afasu hyiae fi Milo ne emu fam.

102 Sa 3.1 Na Dawid kɔɔ so yɛɛ kɛse ara na AWURADE, asafo Nyankopɔn, dii n’akyi.

Dawid fifo ne ne nkonimdi horow no

11 1 Be 14.1-16 Na Tiro hene Hiram somaa abɔfo ma wɔde nkyeneduru nnua ne nnuasenfo ne abantofo baa Dawid nkyɛn na wɔkyekyeree ofi maa Dawid.

12Na Dawid hui sɛ AWURADE de no asi Israel so hene pintinn ne sɛ ne man Israel nti wama n’ahenni so.

13Na Dawid fi Hebron bae akyi no, ɔkɔɔ so warewaree yefam ne yerenom fii Yerusalem, na wɔwowoo mmammarima ne mmabea maa Dawid bio.

14Luka 3.31; Mat 1.6 Na wɔn a wɔwoo wɔn maa Dawid Yerusalem no din ni: Samua ne Sobab ne Natan ne Solomon,

15ne Yibhar ne Elisua ne Nefet ne Yafia,

16ne Elisama ne Eliada ne Elifelet.

Filistifo so nkonimdi(1 Berɛsosɛm 14.8-17)

17Na Filistifo tee sɛ wɔasra Dawid de no asi Israel so hene no, Filistifo nyinaa foro bae sɛ wɔbɛhwehwɛ Dawid. Na Dawid tee no, osian kɔɔ aban no mu.

18Na Filistifo no bae bɛtrɛw wɔn ho mu Refaim bon mu.

191 Sa 30.8 Na Dawid bisaa AWURADE sɛ. Menkɔ Filistifo no so anaa? So wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ na mede Filistifo no mɛhyɛ wo nsa ampa.

20Na Dawid kɔɔ Baal-perasim na Dawid kunkum wɔn hɔ, na ɔkae sɛ: AWURADE apae m’atamfo mu m’anim sɛ wɔpae nsu mu no. Enti ɔfrɛɛ hɔ din sɛ Baal-perasim ase ne: Ntewmubea.

21Na wogyigyaw wɔn ahoni hɔ; na Dawid ne ne nnipa no tasee.

22Na Filistifo no san foro bae bio bɛtrɛtrɛw wɔn ho mu Refaim bon mu.

23Na Dawid bisaa AWURADE no, ɔkae sɛ: Nkɔ! Dan wo ho kosi wɔn akyi na fa baka nnua no ntentenso bra wɔn so.

24Na sɛ wote nantew nka balsam nnua no atifi a, ɛno de ka wo ho, efisɛ ɛno de na AWURADE afi redi w’anim akokum Filistifo nsra no.

25Na Dawid yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ no no na okunkum Filistifo no fi Geba de koduu Geser.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help