1Sɛ AWURADE se ni: Sian kɔ Yuda hene fi, na kɔka asɛm yi hɔ sɛ:
2Tie AWURADE asɛm, Yuda hene a wote Dawid agua so no, wo ne wo nkoa ne wo man a wɔfa apon yi mu ba mu no.
3Yer 21.12 Sɛ AWURADE se ni: Mummu atɛntrenee, nyɛ adetrenee, na munyi nea wɔafow no mfi omimfo nsam, na ɔhɔho, ayisaa ne okunafo, monnhyɛ wɔn so, mommmɔ wɔn atirimmɔden, na mogya a edi bem nso, munnhwie nngu ɛha yi.
4Yer 17.25 Na sɛ mudi asɛm yi so ampa a, ɛnne ahene a ɛtete Dawid agua so bɛtena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so abɛfa ofi yi apon akɛse mu aba mu, ɔno ne ne nkoa ne ne man.
5Na sɛ moantie nsɛm yi a, ɛnne maka me ho ntam, AWURADE asɛm ni, sɛ ofi yi bɛdan ofituw.
6Na sɛ AWURADE ka Yuda hene fi ho ni:
Anka mote sɛ Gilead ma me,
ne Lebanon nkoko atifi,
nanso mɛdan wo anwea pradada so,
ne nkurow a wɔnte mu!
7Na mereyi asɛefo mahyɛ wo,
wɔn akode kurakura wɔn,
na wɔatotow wo nkyeneduru
a wɔapaw no de agugu ogya mu.
8Na amanaman pii betwam kurow yi ho, na wɔasise wɔn ho wɔn ho sɛ: Efi dɛn so na AWURADE ayɛ kurow kɛse yi sɛɛ?
9Na wɔbɛka sɛ: Efisɛ wɔagyaw AWURADE wɔn Nyankopɔn apam, na wɔakɔsɔre anyame foforo asom wɔn.
10Munnsu owufo
na munnnyam no.
Osu mmom na munsu nea ɔrekɔ no,
na ɔrensan mma bio
mmehu n’awo asase.
Yosia mma ho atemmusɛm11 2 Be 36.3-4 Na sɛ AWURADE ka Salum a ɔyɛ Yuda hene, Yosia ba a odi hene si n’agya Yosia ananmu a ofi ha kɔe no ho ni: Ɔrensan mma ha bio,
12na nea wɔatu no kɔ no, ɛhɔ na obewu, na ɔrenhu asase yi bio.
13 Mika 3.10; Lew 19.13 Nea ɔfa ɔkwan a ɛnteɛ so kyekye ne fi
na ɔde nsisi si n’abansoro
na ɔma ne yɔnko yɛ adwuma kwa,
na ɔmfa n’akatua mma no no nnue!
14Nea ɔka sɛ: Mesi dan a emu da hɔ
ayeyɛ mu abansoro adan, a ɛsosoe pii mafa,
na otwitwa mu mfɛnsere,
na ɔde nkyeneduru sɛm mu,
na ɔde adukɔkɔɔ sra mu!
15W’ani abere kyeneduru ho yi nti,
so wubedi hene nen?
So w’agya annidi annom
ammu atɛntrenee anyɛ adetrenee?
Ɛno nti nso na esii no yiye.
16Odii ɔbrɛfo ne ohiani asɛm maa wɔn,
enti na esii no yiye.
So ɛnyɛ eyi ne me ho nimdeɛ?
AWURADE asɛm ni.
17Nanso w’aniwa ne wo koma
nni hwee so sɛ wo mfaso so,
ne mogya a edi bem so sɛ engu fam,
ne amim ne nhyɛso so sɛ wobɛyɛ.
18 Yer 34.5 Ɛno nti sɛ AWURADE ka Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba no ho ni:
Wɔrennyam no sɛ:
Due, me nuabanin! Ne: Due, onuabea!
Wɔrennyam no sɛ:
Due, owura! Ne: Due, onuonyamfo!
19 Yes 14.19 Afurum sie na wɔde besie no,
wɔbɛtwe no atow no akyene Yerusalem apon akyi.
20Foro kɔ Lebanon kosu,
na ma wo nne so Basan,
na teɛm fi Abarim,
efisɛ wɔadwerɛw w’adɔfo nyinaa.
21Wudii yiye no, mekasa mekyerɛɛ wo,
na wuse: Merentie.
Saa ne wo kwan fi wo mmabunbere,
sɛ wuntie me nne.
22 Yer 25.9, 18 Mframa bɛyɛn w’ayɛnfo nyinaa,
na w’adɔfo bɛkɔ nnommumfa mu;
ɛno ansa na w’ani bewu na w’anim agu ase,
wo bɔne nyinaa ho.
23 Yer 13.21 Wo a wote Lebanon
na woayɛ wo berebuw nkyeneduru so no,
sɛ ɛyaw ne awoko, sɛ ɔbaa wofo de ba wo so a,
anka wobesi apini dɛn?
Konia ho atemmusɛm24 Yer 24.1 Sɛ mete ase yi, AWURADE asɛm ni, sɛ Yuda hene Konia a ɔyɛ Yehoiakim ba no yɛ me nifa so nsɔanokaa po a, anka mɛtew no mafi hɔ.
25Na mede wo mɛhyɛ wɔn a wɔhwehwɛ wo kra no nsa, ne wɔn a wusuro wɔn anim no nsa, ne Babel hene Nebukadnesar ne Kaldeafo nsa;
262 Ah 24.12, 15 na mɛpra wo ne wo na, a ɔwoo wo no makɔ asase bi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo mo so, na ɛhɔ ara na mubewuwu,
27na asase a wɔn kra pɛ sɛ wɔbɛsan aba so no, wɔrensan mma hɔ bio.
28So ɔbarima Konia yi ayɛ sɛ annwene a abɔ na wommu,
anaa ade bi a obiara ani nnye ho?
Ɛdɛn nti na wɔtow no ne n’asefo gu
asase a wonnim so yi?
29Asase, asase, asase,
tie AWURADE asɛm!
30Sɛ AWURADE se ni:
Monkyerɛw ɔbarima yi ho sɛ ɔyɛ nea onni mma,
ɔbarima a ɔrenni yiye ne nna nyinaa,
na n’asefo mu biara a ɔbɛtena Dawid ahengua so
na wadi Yuda so bio no renni yiye.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.