Mmebusɛm 25 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Nyansa so akatua

1Eyi nso ne Solomon mmebusɛm bi a Yuda hene Hesekia nnipa fa kyerɛwee.

2Onyankopɔn anuonyam ne asɛm so hintaw,

na ahene anuonyam ne asɛm mu hwehwɛ.

3Ɔsoro ware a ɛware, ne asase mu dɔ a ɛdɔ,

ne ahene komam nni hwehwɛbea.

4Yi fi fi dwetɛ mu,

na agude fi odwumfo nsam aba.

5 Mmb 16.12 Yi ɔbɔnefo fi ɔhene anim,

na n’ahengua betim trenee mu.

6Nhyehye wo ho ɔhene anim,

na nkogyina nnipa akɛse gyinabea.

7 Luka 14.7-11 Na eye sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ:

Bra ɔsoro ha! Sen sɛ wɔbɛbrɛ wo ase

ɔberɛmpɔn a w’aniwa ahu no no anim.

8Mfi hyerebahyereba nkɔko,

na ebewie akyiri no a wo yɔnko agu

w’anim ase no, wobɛyɛ dɛn?

9 Mmb 20.19 Asɛm a wo ne wo yɔnko wɔ no,

wo ne no nni,

na nyi obi ahintasɛm adi.

10Na nea ɔbɛte no annidi wo atɛm,

na wo nsopa anka hɔ.

11 Mmb 15.23 Asɛm a wɔka a ɛfata

te sɛ sika aduaba wɔ dwetɛ kɛntɛn mu.

12Sɛ sika asomkaa ne amapa ahyehyɛde te no,

sɛ onimkafo nyansafo te wɔ aso a ɛte asɛm so ne no.

13Sɛ sukyerɛma dwo te twabere mu no,

saa na ɔbɔfo nokwafo te ma wɔn a wɔsomaa no,

efisɛ odwudwo ne wuranom kra.

14 2 Pe 2.17 Nea ɔde ayɛyɛ hunu hoahoa ne ho no

te sɛ amununkum ne mframa a osu nni mu.

15 Mmb 15.1 Abodwokyɛre dan ɔtemmufo ti,

na tɛkrɛmabere bu dompe mu.

16Wuhu ɛwo a, di nea ɛso wo,

na anyi wo, na woamfe angu.

17Mma wo nan nnyɛ wo yɔnko fi ntiantia,

na wo ho anyɛ no mfonee na wantan wo.

18 Mmb 19.5 Asabaa ne nkrante ne agyan nnamnam

ne onipa a odi ne yɔnko ho adansekurum.

19Ɔkɔnkɔnsani so anidaso hiada

te sɛ ɛse a abu ne nan a afekyere.

20Nea ɔto dwom kyerɛ ɔwerɛhowni no

te sɛ nea ɔpa ntama awɔwbere mu,

anaa nsa nyinyanyinya a wɔde gu gyakisi so.

21 Rom 12.20; Mat 5.44 Sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no aduan nni,

na osukɔm de no a, ma no nsu nnom;

22na wobɛsɔ nsramma agu n’atifi,

na AWURADE bɛhyɛ wo ananmu.

23Atifi fam mframa wo osu,

na ntwiri tɛkrɛma wo abufunim.

24 Mmb 21.9, 19 Ɔdan atifi kokoam tena ye

sen sɛ wo ne ɔbea tutupɛfo a ne ho nwo bɛtena ɔdan mu.

25Sɛ nsuonwini yɛ ɔkra a atɔ piti no,

sɛ asɛmpa a efi akyirikyiri asase so yɛ ne no.

26Ɔtreneeni a ɔtɔ ɔbɔnefo anim ntintan

te sɛ nsuaniwa a wɔatiatia mu ne abura a wɔasɛe no.

27Ɛwodi ntraso nye,

enti anuonyam a nnipa pɛ ma wɔn ho nyɛ anuonyam.

28 Mmb 29.11 Onipa a ontumi nhyɛ ne ho so no

te sɛ kurow a abubu a afasu nni ho.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help