1 Nnw 92.1 Munyi AWURADE ayɛ,
na eye sɛ wɔto dwom ma yɛn Nyankopɔn,
na ɛyɛ dɛ, ayeyi fata.
2AWURADE na ɔkyekye Yerusalem,
ɔpɔn Israelfo a wɔapete wɔn.
3 Yes 61.1 Ɔsa wɔn a wɔn koma abubu yare,
na ɔkyekyere wɔn akuru.
4 Yes 40.26 Ɔkyerɛ nsoromma dodow,
ɔtoto wɔn nyinaa din.
5Yɛn Awurade so, na ne tumi dɔɔso,
ne nhumu nni anobu.
6 Luka 1.52 AWURADE ma ahobrɛasefo gyina,
ɔtow abɔnefo hwe fam.
7Monto aseda dwom mma AWURADE,
momfa ɔsanku nto dwom mma yɛn Nyankopɔn.
8Ɔno na ɔde amununkum kata ɔsoro,
osiesie osu ma asase,
ɔma wura fifi mmepɔw so.
9 Hiob 38.41 Ɔde aduan ma mmoadoma
ne kwaakwaadabi mma a wosu.
10Ɛnyɛ ɔpɔnkɔ ahoɔden na ɛyɛ no fɛ,
ɛnyɛ onipa nnyaa na ɛsɔ n’ani.
11AWURADE ani sɔ wɔn a wosuro no,
wɔn a wɔn ani da n’adɔe so.
12Yerusalem, kamfo AWURADE,
Sion, yi wo Nyankopɔn ayɛ!
13Na wahyɛ w’aponkɛse adaban den,
wahyira wo mma a wɔwɔ wo mu.
14 Nnw 81.16 Ɔma w’ahye so dwo,
ɔde awi mu awi pa ma wudi mee.
15Ɔma ne kaseɛ ba asase so,
n’asɛm tu mmirika ntɛmntɛm.
16 Nnw 148.8; Hiob 38.22-30 Ɔma nsukyerɛma tɔ sɛ asaawa mfuturu,
ɔpete obosu nkyenkyenee sɛ nso.
17Ɔtow n’asukɔtweaa gu sɛ mporoporowa;
hena na obetumi n’awɔw?
18Ɔma n’asɛm bɛnan no,
ɔma ne mframa bɔ ma nsu sen.
19Oyi n’asɛm kyerɛ Yakob,
ɔde n’ahyɛde ne n’atemmude kyerɛ Israel.
20 Deut 4.7; Aso 14.16; Rom 3.2 Ɔnyɛɛ ɔman biara saa ɛ,
na n’atemmude no, wonnim.
Munyi AWURADE ayɛ!
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
