Nnwom 6 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Nkotosrɛ mpaebɔWɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔmfa sanku nto no ɛnne so. Dawid dwom

1 Nnw 38.1; Yer 10.24 AWURADE, mfa w’abufuw nka m’anim,

na mfa w’abufuhyew ntwe m’aso.

2 Nnw 51.8 AWURADE, hu me mmɔbɔ, efisɛ meyɛ hodwoo;

AWURADE, sa me yare, na me nnompe adwiriw,

3 Nnw 13.1-2 na me kra ho nso adwiriw no sɛ:

Na wo, AWURADE, enkosi da bɛn?

4San bra, AWURADE, begye me kra,

gye me nkwa, w’adɔe nti.

5 Nnw 30.9; 88.10; 115.17 Na wo ho nkae nni owu mu.

Hena na obeyi wo ayɛ wɔ Asamando?

6M’apinisi ama mabrɛ,

anadwo biara me mpa fɔw,

mede me nusu mefɔw me nnae.

7 Nnw 31.9; Hiob 17.7 Awerɛhow ama m’ani ayɛ siamoo,

ɛso ayɛ wusiwusi, m’ahohiahiafo nyinaa nti.

8Mo amumɔyɛfo nyinaa, mumfi me so mfi!

Na AWURADE ate me su.

9AWURADE ate me nkotɔsrɛ,

AWURADE begye me mpaebɔ so.

10 Nnw 35.4, 26; 40.14 M’atamfo nyinaa ani bewu, na wɔn ho adwiriw wɔn sɛ,

na wɔapatuw de fɛre asan wɔn akyi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help