Marko 2 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Yesu sa obubuani bi yare(Mateo 9.1-8; Luka 5.17-26)

1Na nna bi akyi no, ɔkɔɔ Kapernaum bio, na wɔtee sɛ ɔwɔ ofie.

2Na nnipa pii behyiae a enti wɔansen abobow ano hɔ mpo; na ɔkaa asɛm kyerɛɛ wɔn.

3Na wɔde obi a ɔyare mmubui a nnipa baanan so no brɛɛ no.

4Na esiane nkurɔfokuw no nti, na wontumi mmɛn no no, wɔkɔpaa ɔdan a ɔwɔ mu no so; na wotuu tokuru de kɛtɛ a obubuafo no da so no faa mu gyaagyaa no too mu.

5Na Yesu huu wɔn gyidi no, osee obubuafo no sɛ: Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo.

6Na kyerɛwfo a wɔtete hɔ no mu binom dwennwenee wɔn koma mu sɛ:

7Abuadadi ho asɛmmisa(Mateo 9.14-17; Luka 5.33-38)

18Na Yohane asuafo ne Farisifo redi mmuada; na nnipa bi bebisaa no sɛ: Adɛn nti na Yohane asuafo ne Farisifo asuafo di mmuada, na w’asuafo de, wonni mmuada?

19Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Ayeforokunu ne wɔn wɔ hɔ yi, ayeforohyia ahɔho no betumi adi mmuada anaa? Mmere dodow a ayeforokunu no wɔ wɔn nkyɛn no de, wɔrentumi nni mmuada.

20Na nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn, ɛno mu na wobedi mmuada.

21Obi mfa ntama foforo sin ntaa atade dedaw mu; anyɛ saa a, ntaamu no tew fi mu, foforo no befi dedaw no mu, na ntetewee no ayɛ kɛse.

22Na obi mfa bobesa foforo ngu aboa nhoma nkotoku dedaw mu; anyɛ saa a, bobesa foforo no bɛpaepae nkotoku no, na bobesa no ahwiehwie agu, na nkotoku no nso asɛe. Na wɔde bobesa foforo gu nkotoku foforo mu.

Homedadi ho asɛm(Mateo 12.1-8; Luka 6.1-5)

23Na ɛbae sɛ ɔkɔfaa aburofuw bi mu homeda bi, na n’asuafo no rekɔ no, wofii ase pempan aburow mmɛtem no bi.

24Na Farisifo no see no sɛ: Hwɛ, adɛn nti na wɔyɛ nea enni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda yi?

25Na osee wɔn sɛ: Monkenkan nea Dawid yɛe bere a ehiaa no na ɔkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no pɛn?

26

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help