Yona 3 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ahonu asɛnka wɔ Niniwe

1Na AWURADE asɛm baa Yona nkyɛn ne mprenu so sɛ:

2Yona 1.2 Sɔre kɔ Niniwe kurow kɛse no mu, na kɔpae asɛm a mereka makyerɛ wo no kyerɛ wɔn.

3Yona 4.11 Ɛnna Yona sɔre nam AWURADE asɛm no so siim kɔɔ Niniwe. Nso Niniwe yɛ kurow kɛse, nnansa na wɔde twa ho hyia.

4Na Yona fii ase hyɛn kurow no mu nantewee da koro, na ɔpaee mu sɛ: Aka adaduanan na Niniwe abutuw.

5Mat 12.41 Ɛnna Niniwefo no gyee Onyankopɔn dii, na wɔpaee mmuadadi, na wofurafuraa ayitama fi wɔn mu nnipa akɛse so kosii wɔn mu akumaa so.

6Na asɛm no duu Niniwe hene nkyɛn no, ɔsɔre fii n’agua so, na oyii ne nguguso guu hɔ na ofuraa atweaatam, na ɔtenaa nso mu,

7na ɔma wɔpaee mu kae Niniwe, ɔhene ne n’atitiriw asɛm so, kae sɛ: Nnipa ne afieboa, anantwi ne nguan mmfa hwee nnka wɔn ano, wɔmmma wonnkodidi, na wɔnnnom nsu nso.

8Na nnipa ne afieboa mfurafura ayitama, na wonsu dennennen mfrɛ Onyankopɔn, na obiara nsan mfi ne kwammɔne so ne amim ade a ɛwowɔ wɔn nsam no ho.

9Yoel 2.14 Obi nnim sɛ ebia Onyankopɔn bɛsesa n’adwene wɔ nea ɔrebɛyɛ no ho, na wadan ne ho afi abufuhyew no ho, na wansɛe yɛn.

10Yer 18.7-8 Na Onyankopɔn huu wɔn nneyɛe, sɛ wɔasan afi wɔn akwammɔne no so, na ɔsakraa n’adwene wɔ bɔne a ɔkae sɛ ɔde bɛyɛ wɔn no ho, na wanyɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help