1Niniwe, nea ɔbɔ pete no reforo aba wo so.
Bɔ nsra a emu yɛ den,
wɛn ɔkwan, bɔ wo ho so,
hyɛ w’ahoɔden mu den yiye.
2Na AWURADE de Yakob kɛseyɛ resan aba
sɛ Israel kɛseyɛ;
ɔno a afowfo afow no,
na wɔasɛe ne bobe abaa.
3Ne nnɔmmarima kyɛm ho abere,
akofofo no furafura kɔben,
nteaseɛnam no yɛ dade gya,
ɛda a osiesie dɔm no,
na wɔwosow peaw nnua;
4nteaseɛnam bɔ dam mmɔnten so,
efi ti kɔ ti, mprama so;
ɛho te sɛ agyatɛn,
ɛnenam sɛ anyinam.
5Ɔfrɛfrɛ n’akofo atitiriw,
wohintihintiw wɔn nantew mu;
wɔde ahoɔhare kɔ fasu no so,
na wɔde osuhyɛ si so.
6Wɔabue nsubɔnten no ano aponkɛse no,
na ahodwiriw aba ahemfi.
7Na wɔahyɛ no sa, wɔapa ho,
wɔafa no kɔ, na ne mmaawa si apini
sɛ mmorɔnoma pempem wɔn koko.
8Na Niniwe te sɛ ɔtare fi ne tete nna mu;
na wɔn de, woguan.
Munnyina, munnyina!
Na obiara nnan n’ani.
9Momfow dwetɛ,
momfow sika kɔkɔɔ!
Na ahonyade no nni awiei,
nnwinne afɛfɛ ahorow nyinaa dodow yɛ duru.
10 Yer 13.7-8 Ao Niniwe, hwɛ sɛ wasi ada mpan,
na wayɛ hunu ne amamfo,
na wo koma ahodwow,
na w’anankoroma hinhim,
w’asen mu nyinaa yɛ wo yaw,
na w’anim nso asinsiam fitaa.
11Ɛhe na gyata tenabea no wɔ,
ne gyataforo adidibea a anka ɛwɔ hɔ no,
nea gyatanini ne gyatabere ne gyata ba
nenam hɔ a obi nni hɔ a oyi wɔn hu no?
12Gyata tetew mu ma ne mma na omia ma n’abere,
na ɔde ntetewee hyɛɛ n’atu mu amaama,
na ɔde nea ɔtetew mu no
hyehyɛɛ ne tenabea.
13Hwɛ, me ne wo anya, asafo AWURADE asɛm ni, na mɛma ne nteaseɛnam ahyew owusiw mu, na afoa bedi w’agyataforo no; na metwa w’afow ade no afi asase so, na wɔrente w’abɔfo no nne bio.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
