Nnwom 9 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Onyankopɔn atemmu ho aseda dwomWɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Mut labben! sanku nne so. Dawid dwom”

1Mede me koma nyinaa bɛda AWURADE ase,

AWURADE, mɛka w’anwonwade nyinaa akyerɛ.

2Megye m’ani na madi ahurusi wɔ wo mu,

mɛto wo a wowɔ sorosoro no din ho ayeyi dwom.

3Efisɛ m’atamfo asan wɔn akyi,

wɔatotɔ, na wɔayera w’anim.

4 Nnw 7.11 Woatena atemmu agua so abu atɛntrenee,

woadi m'asɛm abu me bem.

5Woateɛteɛ amanaman, woasɛe abɔnefo,

woapopa wɔn din korakorakora.

6 Nnw 34.16 Atamfo awie sa, wɔadan daa amamfo,

na wɔn nkurow ase ahyew,

wɔn nkae ayera.

7 Nnw 103.19 Na AWURADE de, ɔte n’ahengua so daa,

ɔde n’agua asi hɔ rebu atɛn.

8 Nnw 96.13 Ɔno na obebu wiase atɛntrenee mu,

na wadi aman asɛntrenee mu.

9AWURADE bɛyɛ guankɔbea ama nea wɔrepɛtɛw no,

ahokyere bere mu guankɔbea.

10Na wɔn a wonim wo din de wɔn ho bɛto wo so,

efisɛ woannyaw wɔn a wɔhwehwɛ wo, AWURADE.

11 Nnw 132.13 Monto ayeyi dwom mma AWURADE a ɔte Sion,

monka ne nneyɛe nkyerɛ, aman mu,

12 Gye 4.10 sɛ, nea odi mogya so were no akae wɔn,

na ne werɛ amfi abrɛfo nteɛm.

13AWURADE, hu me mmɔbɔ, hwɛ m’amane a efi m’atamfo,

wo a woma me so fi owu abobow ano,

14 Nnw 22.22; 40.9-10; 13.5 na menka w’ayeyi nyinaa menkyerɛ,

Sion babea aponkɛse mu,

na minni ahurusi wo nkwagye mu.

15 Nnw 7.15 Amanaman amemem amoa a wotui no mu,

afiri a wosum hintawee no ayi wɔn ankasa.

16 Nnw 7.16 AWURADE ayi ne ho adi, wabu atɛn,

ɔde ɔbɔnefo nsam nneyɛe atoatoa no.

17Abɔnefo bɛsan akɔ Asamando,

amanaman a wɔn werɛ afi Nyankopɔn nyinaa.

18 Nnw 22.24; 10.17-18 Na ɛnyɛ daa na ne werɛ befi ohiani,

na ɛnyɛ daa na mmɔborohununi anidaso bɛyera.

19AWURADE, sɔre, mma ɔdesani nnni nim,

ma wommu amanaman atɛn, w’anim.

20 Nnw 59.13 AWURADE, yi wɔn hu,

na amanaman nhu sɛ wɔyɛ adasamma.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help