Yakobo 1 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Nkyia

1 1 Pe 1.1 Yakobo, Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyerɛw kɔma mmusuakuw dumien a wɔahwete no sɛ: Anigye nka mo.

Gyidi ne ɔbra ho sɔhwɛ

2 Rom 5.3-5 Me nuanom, sɛ mohwe sɔhwɛ ahorow bebree mu a, mummu no anigye koraa,

3na munhu sɛ mo gyidi sɔhwɛ a anya awiei pa yɛ boasetɔ.

4Na momma boasetɔ no nwie n’adwumayɛ pɛ, na moayɛ pɛ ne mu, na anka mo biribi.

Nyansa a efi Nyankopɔn

5 Mmb 2.3-6 Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ommisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa ade kwa na ahohora nnim no, na ɔde bɛma no.

6Mar 11.24 Na gyidi mu na ommisa, na onnnye biribiara ho kyim, efisɛ nea ogye kyim no te sɛ ɛpo asorɔkye a mframa bɔ de no redi akɔneaba.

7Na mma saa onipa no nnsusuw sɛ obenya Awurade hɔ biribi.

8Onipa a n'adwene ntanta no yɛ nta hinhim n’akwan nyinaa mu.

Aniani nneɛma rentena hɔ daa

9 Yak 2.5 Na ma onua a wabrɛ ase nhoahoa ne ho, ne so a wɔrema no mu,

101 Pe 1.24 na ɔdefo nso, n’ase a wɔrebrɛ no mu, efisɛ ɔbɛsen akɔ sɛ wuram nhwiren.

11Yes 40.6-7 Na owia de ne hyehye fi na ɛhyew wura no a, na ne nhwiren apo, na n’ahoɔfɛ asɛe; saa ara na ɔdefo nso bekisa n’akwan so.

Bɔne mfiase ne ɛso aba

12 2 Tim 4.8 Nhyira ne onipa a ɔtɔ ne bo ase sɔhwɛ mu. Na sɛ onya yɛ emu tɔtorɔtɔɔ a, obenya nkwa abotiri a Awurade de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no.

13Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, mma ɔnnka se: Onyankopɔn na ɔsɔ me hwɛ; efisɛ bɔne bi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.

14Rom 7.7-8 Na wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ n’ankasa akɔnnɔ a egyigye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ;

15Rom 7.10 ansa na akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no wie nyin a, ɛwo owu.

Ade pa nko na efi Nyankopɔn

16Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo.

171 Yoh 1.5 Akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi soro, efi hann agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakrae ne adannan sunsuma nni ne mu.

18Yoh 1.13; 1 Pe 1.23 Ɔnam n’ankasa pɛ so na ɔde ne nokwasɛm woo yɛn, sɛ yɛnyɛ n’abɔde no mu adekan bi.

Ahosohwɛ

19 Ɔsɛ 7.9 Me nuanom adɔfo, munim eyi. Ma nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na wɔnyɛ nyaa mfa abufuw;

20Efe 4.26 efisɛ onipa abufuw nyɛ Onyankopɔn trenee mu ade.

21Kol 3.8; 1 Pe 2.1 Enti munyi efi ne bɔne mmoroso nyinaa ntow nkyene, na momfa odwo nnye asɛm a wɔatɛw no mo mu a ebetumi agye mo kra no.

Osetie mu nhyira

22 Mat 7.26; Rom 2.13 Na monyɛ asɛm no yɛfo, na monnyɛ atiefo nko nnsisi mo ho.

23Na sɛ obi yɛ asɛm no tiefo na ɔnyɛ ɔyɛfo a, ɔte sɛ onipa a ɔhwɛ n’anim suban ahwehwɛ mu;

24na ɔhwɛ ne ho na ɔkɔ, na ntɛm ara na ne werɛ afi su ko a okurae.

25Yak 2.12; Rom 8.2; Yoh 13.17 Na nea ɔkotow hwɛɛ adehyedi mmara a ɛyɛ pɛ no mu, na ɔtenaa mu, na ɔnyɛ otiefo werɛfirifo, na mmom ɔyɛ adwuma no yɛfo no, onii no na wobehyira no n’adeyɛ no mu.

Onuadɔ ne ahotew

26 Nnw 34.13 Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ onyamesomfo, na wanto ne tɛkrɛma nnareka, na mmom ɔdaadaa ne kra na, saa onipa yi nyamesom yɛ ɔkwa.

27Onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fi agya Onyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu, na oyi ne ho fi wiase nkekae mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help