Hebrifo 13 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ɔsom a ɛsɔ Onyankopɔn ani

1 Yoh 13.34; 2 Pe 1.7 Onuadɔ ntena hɔ daa.

2Gye 18.3; 19.2-3; Rom 12.13; 1 Pe 4.9 Ahɔhoyɛ nso, mommma mo ani mmpa so; efisɛ eyi so na ebinom nam yɛɛ abɔfo hɔho a wɔn ani nni so.

3Mat 25.36 Monkae nneduafo, sɛnea mo ne wɔn na ɛda duam, ne wɔn a wohu amane biara, sɛ mo ankasa nso da so wɔ ɔhonam mu yi.

4Gal 5.19; 5.21; Efe 5.5 Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi; efisɛ nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.

5 1 Tim 6.6; Yos 1.5 Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ mu, na mompene nea mowɔ; efisɛ ɔno ankasa aka sɛ: Merennyaw wo, nanso merempa wo da.

6Nnw 118.6 Na ɛma yɛde nnam ka sɛ:

Awurade ne me boafo,

merensuro;

onipa betumi ayɛ me dɛn?

7 Heb 13.17; 1 Ko 4.16 Monkae mo mpanyimfo a wɔaka Onyankopɔn asɛm akyerɛ mo. Monhwɛ wɔn abrabɔ awiei nsua wɔn gyidi.

81 Ko 3.11; Adi 1.17 Yesu Kristo no ara wɔ hɔ nnɛra, ɛnnɛ, ɛne daapem nyinaa.

9Efe 4.14; 2 Ko 1.21; Rom 14.17 Mommma nkyerɛkyerɛ horow ne nsɛm foforo mmfa mo nnkyinkyin, na eye sɛ wɔde adom hyɛ koma den, na ɛnyɛ nnuan a wɔn a wodii no nni ho mfaso biara.

10Heb 8.4-5 Yɛwɔ afɔremuka a wɔn a wɔsom ntamadan no nni ho kwan sɛ wodi ho biribi.

11Lew 16.27 Na mmoa a bɔne nti ɔsɔfo panyin de wɔn mogya kɔ kronkron mu no, wɔhyew wɔn afunu nsra no akyi.

12Mat 21.39; Yoh 9.22 Na Yesu nso, nea ɛbɛyɛ na ɔde n’ankasa ne mogya atew ɔman no ho nti, ohuu amane, kurow no pon akyi.

13Heb 11.26; 12.2 Ɛno nti momma yemfi adi nkɔ ne nkyɛn nsra no akyi nkɔsoa n’ahohora.

14Heb 11.10; 12.22 Na yenni kurow a ɛwɔ hɔ daa wɔ ha, na mmom nea ɛbɛba no akyi kwan na yɛrehwehwɛ.

15 Nnw 50.14; 50.23; Hos 14.2 Enti momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no.

16Flp 4.18 Na yiyeyɛ ne adekyɛ na mommma mo ani mmpa so, efisɛ saa afɔrebɔ no sɔ Onyankopɔn ani.

17 1 Te 5.12; Hes 3.18 Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wobebu ho akontaa, na wɔde anigye ayɛ, na ɛnyɛ ahomegu; efisɛ eyi nyɛ mfaso biara mma mo.

18 2 Ko 1.12 Mommɔ mpae mma yɛn; efisɛ yenim pefee sɛ yɛwɔ ahonim pa, pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra yiye ade nyinaa mu.

19Na mesrɛ mo ara yiye sɛ monyɛ eyi, na wɔadan me ama mo ntɛm pa.

Nhyira

20 Yoh 10.11; 1 Pe 2.25 Na asomdwoe Nyankopɔn a ɔnam daa apam no mogya so ayi nguan no hwɛfo kɛse a ɔne yɛn Awurade Yesu afi awufo mu no,

21onsiesie mo adepa biara mu mma monyɛ nea ɔpɛ, na ɔmfa Yesu Kristo so nyɛ mo mu ade a ɛsɔ n’ani. Ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen.

Awiei

22Anuanom, mesrɛ mo sɛ, muntie afotusɛm yi; efisɛ makyerɛw no nsɛntiaa bi mamena mo.

23Munhu sɛ wɔagyaa yɛn nua Timoteo; na sɛ ɔba ntɛm pa a, me ne no bɛba abehu mo.

24Munkyia mo mpanyimfo nyinaa ne ahotefo nyinaa. Wɔn a wofi Italia kyia mo.

25Adom nka mo nyinaa..

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help