2 Ahene NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(RATB)
NHYƐNMUAhene nhoma a ɛto so abien no yɛ nea edi kan no ntoaso, na ɛtoa abakɔsɛm a ɛfa Israel ahenni no ho so, fi beae a Ahene nhoma a edi kan no baa awiei. Nhoma no wɔ nkyekyɛmu ahorow abien.Nea edi kan no, ka abakɔsɛm a ɛfa ahenni ahorow abien no ho nsɛm, fi mfe ahankron no mfinimfini no ansa na wɔwoo Yesu de kosi bere a, Samaria bɔe, na atifi ahenni no gui wɔ mfe mpemnson ɔha aduonu abien no mu ansa na wɔwoo Yesu.Nea ɛto so abien no ka ahenni a ɛwɔ Yuda no ho asɛm fi bere a Israel ahenni no gui kosi bere a Ɔhene Nebukadnesar bɛsɛe Yerusalem na ɔfaa nnipa no nnommum soaa wɔn kɔɔ Babel afe ahanum aduɔwɔtwe asia no mu ansa na wɔwoo Yesu.Nhoma no awiei no ka ɔhene Gadelia ahenni ho asɛm, wɔ bere a ɔhyɛ Babel hene ase. Ɛsan ka sɛnea woyii Yuda hene Yehoiakin fii Babel afiase.Ɔhaw a ɔman no faa mu nyinaa no fi Yuda ne Israel ahemfo bi a wɔn nneyɛe ansɔ Nyankopɔn ani. Yerusalem sɛe ne nkoasom a Yudafo no kɔɔ mu no yɛ ɔman no abakɔsɛm mu asɛntitiriw bi a ɛde ɔman no hyɛn tebea foforo mu.Odiyifo a ne din di akoten wɔ nhoma no mu ne Odiyifo Elia abediakyiri, odiyifo Elisa.EMU NSƐMAhenni no mpaepaemu 1.1—17.41Odiyifo Elisa 1.1—8.15Yudafo ne Israelfo ahemfo 8.16—17.4Wɔbɔ Samaria ahenkurow no pasaa 17.5-41Yuda ahenni no 18.1—25.30Efi Ɔhene Hesekia ahenni so kosi Yosia so 18.1—21.26Yosia ahenni 22.1—23.30Yudafo ahemfo a wodi akyiri 23.31—24.20Yerusalem ahenkurow no bɔ pasaa 25.1-30