1 1 Ah 15.11-12 Na Abigya wui, na wosiee no Dawid kurow mu, na ne ba Asa bedii n’ade. Ne bere so na asase no so dwoe mfe du.
2Na Asa yɛɛ nea eye na ɛteɛ Awurade ne Nyankopɔn ani so,
3na oyiyii ananafo afɔremuka ne sorɔnsorɔmmea no, na oburuw adum no, na otwitwaa Asera nnua no gui.
4Na ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ wɔnhwehwɛ AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wonni ne mmara ne n’ahyɛde no so.
5Na oyiyii Yuda nkurow nyinaa so sorɔnsorɔmmea ne owia ahoni no. Na n’ahenni no mu dwoe wɔ n’ase.
62 Be 15.15 Na ɔkyekyee nkurow a ɛyɛ den Yuda, efisɛ asase no so dwoe, na wanko ɔko bi mfe no mu, efisɛ AWURADE maa no ɔhome.
7Na ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ: Momma yɛnkyekye nkurow yi, na yɛmfa ɔfasu ne aban atenten, apon ne adaban ntwa ho nhyia. Asase yi da so da yɛn anim, efisɛ yɛahwehwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn. Yɛahwehwɛ no, na wama yɛn ɔhome afa nyinaa ahyia. Na wɔkyekyee, na esii wɔn yiye.
8Na Asa wɔ dɔm a wokura akyɛm ne mpeaw: Yuda mu nnipa ɔpehasa ne Benyamin mu nnipa a wokura akyɛm na wokuntun ta ɔpehanu aduɔwɔtwe, mmarima akokodurufo ara nko.
Asa di Etiopiafo so nkonim9Na Etiopiani Serah de dɔm a ano si apem ahorow apem ne nteaseɛnam ahasa tu baa wɔn so, na obeduu Maresa.
10Na Asa fii adi kohyiaa no, na wɔbaee mpasua mu Sefata bon mu, Maresa ho.
111 Sa 14.6 Na Asa frɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn sɛ: AWURADE, ɛnyɛ ade bi mma wo sɛ wobɛboa wɔn a wɔdɔɔso anaa wɔn a wonni tumi: Boa yɛn, AWURADE yɛn Nyankopɔn, na wo na yetweri wo, na wo din mu na yɛnam kɔ nnipa kuw yi so. AWURADE yɛn Nyankopɔn ne wo, mma ɔdesani nnnya wo so ahoɔden.
12Ɛnna AWURADE kaa Etiopiafo no gui Asa ne Yuda anim, na Etiopiafo no guanee.
13Na Asa ne nnipa a wɔka ne ho no tiw wɔn koduu Gerar. Na Etiopiafo mu nnipa totɔe ara kosii sɛ nkwagye bi anka amma wɔn, na wɔdwerɛw wɔn, AWURADE ne ne dɔm anim. Na wɔfaa asade bebree pa ara.
14Na wɔsɛee nkurow a etwa Gerar ho hyia no nyinaa, na AWURADE ho hu kitaa wɔn; na wɔfom nkurow no nyinaa, efisɛ asade pii wɔ mu.
15Na wɔsɛee mmoakuw ntamadan nso, na wɔfaa nguan pii ne yoma kɔe, na wɔsan baa Yerusalem.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
