Nnwom 112 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Onyankopɔn suro mu nhyira

1 Nnw 1.1 Munyi AWURADE ayɛ!

Nhyira ne onipa a osuro AWURADE,

na onya ne mmara ho anika pii.

2 Mmb 20.7 N’asefo bɛyɛ kɛse asase so,

wohyira treneefo awo ntoatoaso.

3Ade ne ahonya wɔ ne fi,

na ne trenee wɔ hɔ daa.

4 Nnw 37.6 Hann pue sum mu ma nnipa trenee,

ɔne ɔdomfo, mmɔborohunufo ne ɔtreneeni.

5 Nnw 41.1 Onipa a ɔyɛ adom na ɔde fɛm, esi no yiye,

obewie ne nsɛm di, atemmu mu.

6Na ɔrenhim da biara da,

ɔtreneeni bɛyɛ daa nkae.

7Akwanmusɛmmɔne renyi no hu,

ne koma si hɔ pintinn da AWURADE so.

8 Nnw 91.8 Ne koma atim,

ɔrensuro kosi sɛ obehu nea ɔpɛ, n’ahohiafo so.

9 2 Ko 9.9 Ɔtow pete, ɔyɛ ahiafo yiye;

ne trenee wɔ hɔ daa,

wɔbɛma n’abɛn so, anuonyam mu.

10 Nnw 35.16 Ɔbɔnefo behu ma ayɛ no ahi,

ɔbɛtwɛre ne se na wahodwow;

abɔnefo ade a wɔpɛ bɛyera.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help