Deuteronomium NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(RATB)
NHYƐNMUMose nhoma a ɛto so anum anaa Deuteronomium yɛ afotusɛm bi a wɔasiesie a Mose de maa Israelfo wɔ Moab asase so baabi, a wɔtenaa kakra wɔ wɔn akwantu a ɛde wɔn akyinkyin, na afei wɔpɛ sɛ wɔhyɛn Kanaan na, wɔkɔtena hɔ no.Nneɛma titiriw bi a wɔakyerɛw no nhoma no mu na edidi so yi.1. Mose kae wɔn nsɛm titiriw a esisii mfe aduanan a atwam kɔ no. Na ɔfrɛ nkurɔfo no adwene ba sɛnea Onyankopɔn adi wɔn kan afa sare so, abɔ wɔn ho ban, ne hia a ehia sɛ wɔyɛ osetie na wɔde nidi ma no.2. Mose san ti mmara nsɛm du no mu bio, na osi nea edi kan no so dua frɛ nnipa no sɛ, wɔnsom Onyankopɔn nkutoo. Na ɔsan hwɛ mmara horow a ɛbɛboa Israelfo no asetena wɔ bɔhyɛ asase no so.3. Mose kae nkurɔfo no, na ɔkyerɛ wɔn Onyankopɔn bɔhyɛ no ase, na ɔfrɛ wɔn sɛ wɔnhyɛ wɔn apam no mu den nyɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ.4. Wɔpaw Yosua sɛ odikanfo foforo de di Onyame nkurɔfo anim. Ɔto dwom de yi Onyankopɔn ayɛ de kyerɛ Awurade nokwaredi, afei ohyira Israelfo no. Ɛno akyi no, Mose wu wɔ Moab asase so wɔ Yordan apuei.Nhoma no botae titiriw ne sɛ: Onyankopɔn agye ne nkurɔfo a wapaw wɔn no na ɔdɔ wɔn, na wahyira wɔn nso, ɛsɛ sɛ ne nkurɔfo no kae eyi, na wɔn nso dɔ no, na wotie no, na wɔakɔ so anya nhyira. Nhoma no mu nkyekyɛmu titiriw bi ne nea Yesu frɛ no mmara no nyinaa nea ɛyɛ kɛse koraa a ɛne 6.4-6: Dɔ Awurade wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu, wo kra nyinaa mu, ne w'ahoɔden nyinaa mu.EMU NSƐMMose nkɔmmɔ a edi kan 1.1—4.49Mose nkɔmmɔ a ɛto so abien 5.1—26.19Mmaransɛm du no 5.1—10.22Mmara, nhyehyɛe 11.1—26.19Ɔkyerɛkyerɛ bi a ɛfa ɔkwan a wɔbɛfa so ahyɛn Kanaan 27.1—28.68Apam no mu denhyɛ 29.1—30.20Mose nsɛm a edi akyiri 31.1—33.29Mose wu 34.1-12