1 Samuel 20 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Yonatan boa Dawid

1Na Dawid guan fii Naiot wɔ Rama, na ɔbae bɛka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Dɛn na mayɛ? M’amumɔyɛ ne dɛn, na me bɔne ne dɛn wɔ w’agya anim a enti ɔrehwehwɛ me akum me yi?

2Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛmpare wo, worenwu, hwɛ, m’agya renyɛ ade kɛse anaa ade ketewa bi gye sɛ oyi me asotiw ansa; na ɛdɛn nti na m’agya de asɛm yi behintaw me? Ɛnte sa.

3Na Dawid kaa ntam nso sɛ: W’agya nim sɛ manya w’anim anuonyam, enti na ose: Wɔmmma Yonatan nnhu eyi, na ɛmmmɛyɛ no yaw; na ampa ara, AWURADE te ase na wo kra nso te ase yi, ɔnammɔn pɛ na ɛda me ne owu ntam.

4Ɛnna Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Biribiara a wo kra se no, mɛyɛ mama wo.

5Na Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Hwɛ, ɔkyena na ɔsram fi, a ɛsɛ sɛ anka me ne ɔhene kɔtena adidii; na ma menkɔ minkohintaw wuram nkosi da a ɛto so abiɛsa no anadwofa.

6Sɛ w’agya bisa m’akyi kwan a, ɛnne ka kyerɛ no sɛ: Dawid asrɛ me kwan sɛ ɔretu mmirika akɔ ne kurom Betlehem, na abusua no nyinaa wɔ afirihyia afɔrebɔ wɔ hɔ.

7Sɛ ɔka sɛ: Eye a, na asomdwoe wɔ hɔ ma w’akoa, na sɛ ne bo fuw a, ɛnne hu sɛ wakyere ne mu sa bɔne.

81 Sa 18.3 Na yɛ w’akoa adɔe, efisɛ AWURADE apam mu na woama wo ne w’akoa ahyɛn; na sɛ amumɔyɛ bi wɔ me mu a, wo ara kum me, na ɛdɛn nti na wode me rekɔma w’agya?

9Na Yonatan se: Ɛmpare wo sɛ, sɛ minim sɛ m’agya asusuw bɔne de reba wo so na merenka menkyerɛ wo.

10Na Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Sɛ w’agya de asɛm dennen bi bua wo a, hena na ɔbɛka akyerɛ me?

11Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Bra ma yemfi nkɔ wuram. Na wɔn baanu fii adi kɔɔ wuram.

12Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn nyɛ ɔdansefo sɛ, sɛ ɔkyena anaa ɔkyena akyi sesɛbere, mehwɛ m’agya adwene, na eye wɔ Dawid ho, na mansoma amma wo nkyɛn ammeyi wo asotiw a!

13Na sɛ ɛsɔ m’agya ani sɛ bɔne mmra wo so na mamma mammeyi wo asotiw, na mannya wo kwan amma woankɔ asomdwoe mu a, AWURADE nyɛ Yonatan sa na ɔnka ho sa! Na AWURADE nni w’akyi sɛnea odi m’agya akyi no.

14Na sɛ meda so mete ase yi, fa AWURADE adɔe yɛ me, na manwu;

15na ntwa w’adɔe no to mfi me fi ho da. Na sɛ AWURADE twitwa Dawid atamfo fi asase so a, mma Yonatan din mfi Dawid da.

16Na Yonatan ne Dawid fi pamee se: AWURADE ntɔ Dawid atamfo were.

171 Sa 18.3 Na Yonatan maa Dawid kaa ne dɔ a ɔde dɔ no no ho ntam bio, efisɛ ɔdɔ no sɛ n’ankasa ne kra.

18Na Yonatan ka kyerɛɛ no se: Ɔkyena na ɔsram fi, na wobehu sɛ wunni hɔ, efisɛ wo tenabea bɛda mpan.

19Na sɛ wudi nnansa a, sian ntɛm bra nea asɛm no bae no, wuhintawee hɔ, na tena Esel bo no ho.

20Na mɛtotow agyan abiɛsa mafa ho, sɛnea merebɔ botae mu.

21Na hwɛ, mɛsoma abofra sɛ: Kɔhwehwɛ agyan no. Sɛ mise abofra no sɛ: Hwɛ, agyan no wɔ wo nkyɛn mu ha, tase bra a, ɛnne bra, na, sɛ AWURADE te ase yi, asomdwoe na ɛwɔ hɔ ma wo, asɛm bi nni hɔ.

22Na sɛ mise akwankwaa no sɛ: Hwɛ, m’agyan no wɔ w’anim fam noho a, ɛnne kɔ, na AWURADE agya wo kwan.

23Na asɛm a me ne wo kae no ho de, hwɛ, AWURADE wɔ me ne wo ntam daa.

24Ɛnna Dawid kohintaw wuram. Na ɔsram fii no, ɔhene kɔtenaa adidii.

25Na ɔhene tenaa n’atenae sɛnea ɔyɛ daa no wɔ ɔfasu ho agua no so; na Yonatan sɔree, na Abner tenaa ɔhene nkyɛn, na Dawid atenae no da mpan.

26 Lew 15; Deut 23.10 Na Saul anka hwee da no; efisɛ ose: Biribi ayɛ no; ne ho ntew, ampa ara ne ho ntew.

27Na n’adekyee a ɛyɛ ɔsram no da a ɛto so abien a Dawid atenae da mpan no, Saul ka kyerɛɛ ne ba Yonatan sɛ: Ɛdɛn nti na Yese ba no mmaa adidi ase nnɛra ne nnɛ yi?

28Na Yonatan buaa Saul sɛ: Dawid srɛɛ me kwan sɛ ɔrekɔ Betlehem,

29na ose: Gya me kwan ɛ, na yɛwɔ abusua afɔrebɔ bi wɔ kurow no mu, na me nua ahyɛ me sɛ memmra. Enti afei, sɛ manya w’anim anuonyam a, ma menkɔ menkɔhwɛ me nuanom. Enti na wamma ɔhene pon ho yi.

30Ɛnna Saul bo fuw Yonatan, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo, ɔbea brakyewni tuatewfo ba, so minhui sɛ woafa Yese ba no adamfo de rehyɛ wo ho ne wo na adagyaw mu aniwu?

31Na mmere dodow a Yese ba no te ase asase so yi, wo ne w’ahenni rennyina. Enti soma ma wɔnkɔfa no mmrɛ me, na owu ara na obewu.

32Na Yonatan buaa n’agya Saul ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wonkum no? Dɛn na wayɛ?

331 Sa 18.11 Ɛnna Saul tow peaw sɛ ɔde rebɔ no. Na Yonatan huu sɛ n’agya awe ahinam sɛ obekum Dawid.

34Na Yonatan de abufuhyew sɔre fii ɔpon no ho, na wannidi ɔsram no da a ɛto so abien no. Na odii Dawid ho yaw sɛ n’agya asopa no.

35Na anɔpa no Yonatan fii adi kɔɔ wuram nea ɔhyɛɛ Dawid no, na abofra kumaa bi ka ne ho.

36Na ɔka kyerɛɛ n’abofra no sɛ: Tutu mmirika kɔhwehwɛ agyan a merebɛtotow no. Abofra no retu mmirika no, ɔtow agyan no traa no.

37Na abofra no duu nea agyan a Yonatan towee no wɔ no, Yonatan bɔn abofra no sɛ: So agyan no ngu w’anim noho anaa?

38Na Yonatan bɔn abofra no sɛ: Yɛ ntɛm, ka wo ho, nnyina. Na Yonatan abofra no tasee agyan no de brɛɛ ne wura.

39Nso na abofra no nnim ho hwee; Yonatan ne Dawid nko na wonim asɛm no.

40Ɛnna Yonatan de ne nneɛma no maa abofra no na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa kɔ kurow no mu.

41Gye 33.3-4 Abofra no kɔe; na Dawid sɔre fii abokuw no ho, na ɔde n’anim bebutuw fam na ɔkotowee mprɛnsa, na wofefew wɔn ho ano, na wɔn baanu sui ara maa Dawid de boroo so.

42Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ asomdwoe mu. Sɛ yɛn baanu akeka AWURADE ntam no, AWURADE ntena me ne wo ntam ne m’asefo ne w’asefo ntam nkosi daa. Na osii mu kɔe; na Yonatan baa kurow no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help