Kwadwom 2 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Onyankopɔn kɔkɔbɔ no abam

1 1 Be 28.2 Ao, Awurade de omununkum

akata Sion babea ho,

n’abufuw mu dɛn ara!

Wafi ɔsoro atow Israel ahoɔfɛ ahwe fam,

na wankae ne nan ntiaso

n’abufuw da no.

2Awurade amene Yakob tenabea nyinaa, wankyɛe so;

wadwiriw Yuda babea aban

a ɛyɛ den, n’anibere mu,

wama aka fam;

wahura n’ahenni ne ne mmapɔmma ho.

3Watwitwa Israel mmɛn nyinaa

n’abufuhyew mu,

wapono ne nifa ato n’akyi

afi ɔtamfo anim,

na ɔdɛwee Yakob mu

sɛ ogyaframa a ɛhyew hyia.

4 Nnw 7.12 Wakuntun ne ta mu sɛ ɔtamfo,

wagyina ateɛ ne nifa sɛ ɔhohiafo,

na wakunkum nea ɛyɛ aniwa fɛ nyinaa;

wahwie n’abufuhyew

sɛ ogya agu Sion babea ntamadan so.

5Awurade adan sɛ ɔtamfo;

wamene Israel,

wamene n’aban afɛfɛ nyinaa;

wasɛe n’aban a ɛyɛ den no,

na wama Yuda babea nkɔmmɔdi

ne abubuwbɔ adɔɔso.

6Wabu ne sese no agu sɛ turo mu de,

wasɛe ne ntamadan;

AWURADE ama werɛ afi Sion mu

afahyɛ ne homeda,

na n’abufuw mu awerɛhow mu

wabu ɔhene ne ɔsɔfo animtiaa.

7 Kwa 2.22 AWURADE atow n’afɔremuka akyene,

wapa ne kronkronbea;

ɔde n’aban afɛfɛ afasu

ahyɛ ɔtamfo nsa;

wɔyɛɛ gyegyeegye,

AWURADE fi, sɛ afahyɛ da no.

8AWURADE bɔɔ ne tirim

sɛ ɔbɛsɛe Sion babea fasu;

ɔde susuhama too ho.

Wampono ne nsa amfi ne sɛe ho,

wama pempe ne afasu di nkɔmmɔ,

ne nyinaa agurogurow.

9N’aponkɛse amem kɔ fam,

akyiri adaban asɛe, na abubu.

Ne hene ne ne mmapɔmma wɔ amanaman no mu,

akwankyerɛ nni hɔ bio,

n’adiyifo nhu

AWURADE hɔ ani so ade.

10Sion babea mpanyimfo

tete fam ayeyɛ komm;

wɔde dɔte agugu wɔn atifi,

wɔafurafura ayitam;

Yerusalem mmabaa

asisi wɔn ti ase.

11 Yer 14.17 Nusu ama m’ani ayɛ siamoo,

m’ayamde kyinkyim,

me mmerɛbo ahwie agu fam,

me man babea sɛe nti,

abotafowa ne akokoaa totɔ piti,

kurow no mmorɔn so.

12Wɔka kyerɛ wɔn nanom sɛ:

Ɛhe na aburow ne nsa wɔ?

Na wɔtotɔ beraw sɛ atɔfo,

kurow no mmorɔn so,

na wogyaagyaa mu

wɔn nanom kokom.

13Dɛn adanse na minni wo,

dɛn na memfa mento wo ho,

O Yerusalem babea?

Dɛn na memma ɛne wo nsɛ,

na mede makyekye wo werɛ,

O ɔbaabun, Sion babea?

Wo yaw so sɛ ɛpo;

hena na obetumi asa wo yare?

14 Yer 14.14-16; 23.14-22 Atoro ne nnaadaa anisoade

na w’adiyifo hu kyerɛɛ wo,

na wɔanyi w’amumɔyɛ no so

sɛ wɔde wo nnommum bɛsan aba;

na atoro ne nsɛm

a ɛma wofom na wohu kyerɛɛ wo.

15 Nnw 48.2; Hes 16.14 Wɔn a wotwam ɔkwan so nyinaa

bobɔ wɔn nsam gu wo so;

wɔbɔ hwirema wosow wɔn ti

gu Yerusalem babea so ka sɛ:

So kurow a wɔfrɛ no

Ahoɔfɛ a ewie fɛyɛ,

asase nyinaa ahosan no ni?

16 Hiob 16.9; Nnw 35.25; 137.7 W’atamfo nyinaa

tɛɛtɛɛ wɔn anom hyɛ wo;

wohinam, twɛre wɔn se ka sɛ:

Yɛamene no!

Ɛda a yɛhwɛɛ no kwan no ara ni!

Yɛanya, yɛn ani ahu!

17AWURADE ayɛ nea osusuwii;

wama n’asɛm abam pɛ,

n’asɛm a ofi tete mmere no mu hyɛe no;

wadwiriw, na wankyɛe so,

na wama ɔtamfo ani agye wo ho,

wama w’ahohiafo abɛn so.

18 Kwa 2.11 Ma wo nne so, ma wo koma nsu frɛ Awurade;

Sion babea fasu,

ma nusu nsen sɛ asuten

awia ne anadwo;

mpɛ ɔhome bi nhome,

mma wo kurutiayisi nnyɛ komm.

19Sɔre bɔ abubuw anadwo,

adasu mfiase;

hwie wo koma gu sɛ nsu,

Awurade anim;

wo mmotafowa kra nti

ma wo nsa so kyerɛ no,

na ɔkɔm ama wɔatotɔ piti,

mmorɔn nyinaa ti!

20 Deut 28.53-57 AWURADE, hwɛ, na hu ɛ!

Hena na woayɛ no sɛɛ yi?

So mmea nwe wɔn yafumma,

mmotafowa a wotuturu wɔn no?

So wonkum ɔsɔfo ne odiyifo,

Awurade kronkronbea hɔ anaa?

21Mmofra ne nkwakoraa

deda fam mmorɔn so;

me mmabaa ne me mmerante

atotɔ afoa ano.

Woasɛe wɔn w’abufuw da no,

woakum na woankyɛe so.

22 Kwa 2.7 Woafrɛ m’ahude afi afa nyinaa

sɛ afahyɛ da,

na AWURADE abufuw da no,

obi amfi mu amfi na obi anka;

wɔn a mituruu wɔn na meyɛn wɔn no,

me tamfo adwerɛw wɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help