Yosua 5 - KYER?W KRONKRON(RATB)

1 de besi nnɛ yi ara.

10 Eks 12.6; Lew 23.5 Na Israelfo no bɔɔ nsra Gilgal, na wodii Twam no, ɔsram no da a ɛto so dunan no anwummere, Yeriko tataw so.

11Na Twam no adekyee no, da no ara na wodii asase no so aduan, apiti ne nkyewe, da a wodii asase no so aduan no, adekyee no ara, na mana no to twae.

12Eks 16.35 Na Israelfo no annya bi bio, afei wodii Kanaan asase no so nnɔbae afe no ara mu.

Onyankopɔn bɔfo no

13 Num 22.23, 31 Na Yosua wɔ Yeriko ho no, ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi gyina ne ntentenso kura nkrante a watwe. Na Yosua kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn afa na wowɔ anaa yɛn atamfo afa?

14Eks 14.19 Na ose: Daabi, na afei na maba sɛ AWURADE dɔm so safohene. Na Yosua de n’anim butuw fam sɔree no, na obisaa no sɛ: Ɛdɛn na me wura reka akyerɛ n’akoa?

15Eks 3.5 Na AWURADE dɔm so safohene no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yi wo mpaboa fi wo nan, na nea wugyina hɔ yɛ kronkron. Na Yosua yɛɛ saa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help