Numeri 12 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Miriam ne Aaron kasa tia Mose

1 Eks 2.21 Na Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose sɛ ɔwaree Kusni bea, efisɛ na waware Kusni bea bi.

2Na wɔkae sɛ: So Mose nko so na AWURADE nam kasa, na ɔmfa yɛn so nso nkasa? Na AWURADE tee.

3Na ɔbarima Mose de, odwo pii sen nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.

4Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ: Mose ne Aaron ne Miriam mpofirim sɛ: Mo baasa mumfi adi mmra ahyiae ntamadan no ho.

5Eks 16.10 Na wɔn baasa no fii adi. Na AWURADE sianee omununkum dum mu begyinaa ntamadan no ano, na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam; na wɔn baanu fii adi.

6Na ɔkae sɛ: Muntie me nsɛm a sɛ AWURADE diyifo bi wɔ mo mu a, adehu mu na mema ohu me, ɔdae mu na mekasa mekyerɛ no:

7Heb 3.2 ɛnyɛ sɛ m'akoa Mose te ne no, Ɔno na mede me fi nyinaa ahyɛ ne nsa;

8Eks 33.11, 23 ano ne ano na me ne no de kasa ohu mu, na ɛnyɛ mmebu mu, na ohu AWURADE suban: na ɛdɛn nti na moansuro sɛ mobɛkasa m'akoa Mose?

9Na AWURADE bo fuw wɔn, na osiim kɔe.

10 Deut 24.9 Na omununkum no fii ntamadan no so, na hwɛ, Miriam ayare kwata sɛ sukyerɛma. Na Aaron dan n'ani hwɛɛ Miriam, no hwɛ, na wayare kwata.

11Na Aaron ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mepa wo kyɛw, me wura. Mfa bɔne a yɛadi nkwaseasɛm ayɛ yi nto yɛn so.

12Mma ɔnnyɛ sɛ funu a ofi ne na yam bae na ne honam fa asɛe dedaw.

13Eks 15.26 Na Mose su frɛɛ AWURADE sɛ: O, Onyankopɔn ee, sa no yare ɛ!

14Lew 13.46 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Na sɛ n'agya hinam n'ani so ntasu teta po a, anka n'ani renwu nnanson anaa? Wɔnto ne mu nnanson nsra no akyi, na ɛno akyi ansa na wɔmfa no mmra mu bio.

15Na wɔtoo Miriam mu nsra no akyi nnanson. Na ɔman no antu kosii sɛ wɔde Miriam baa mu bio.

16Na ɛno akyi no, ɔman no tu fii Haserot, na wɔkɔbɔɔ nsra Paran sare so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help