1 Na owia san n’akyi owia dɔn no so nkyekyem du a asian dedaw no.
9Nsɛm a Yuda hene Hesekia, a ɔyaree na onyaa ne yare mu nkwa no kyerɛwee ni:
10Me de, mekae sɛ: Me nna mfinimfini
na merekɔ
asaman abobow ano,
wɔregye me nsam me mfe nkae.
11 Nnw 27.13 Mise: Merenhu AWURADE bio,
wɔ ateasefo asase so;
merenhu nnipa bio,
wɔn a wɔte asaman no mu.
12 Hiob 7.6 Wɔayi me tenabea ma atu afi me ho kɔ
sɛ oguanhwɛfo ntamadan,
mabobɔw me nkwa sɛ ɔtamanwemfo;
worebetwa me afi asadua no mu:
Worewie me da koro adesae.
13 Hiob 10.16 Midwudwoo me ho mikosii anɔpa,
obubuu me nnompe nyinaa sɛ gyata:
Worewie me da koro adesae.
14Misii apini sɛ asomfena, sɛ asukɔnkɔn,
midii nkɔmmɔ sɛ aborɔnoma;
m’aniwa yɛɛ siamoo hwɛɛ ɔsoro sɛ:
Awurade, me ho kyere me, di ma me!
15Dɛn na menka? Wakasa akyerɛ me na wayɛ.
M’ani asare dwe,
me kra awerɛhow no nti.
16O Awurade, ɛno so na nnipa nam tena ase,
na ɛno nkutoo mu na me honhom nkwa wɔ:
Ɛnne na ma me ho nsan, na ma minnya nkwa.
17 Nnw 32.1-2; Mika 7.18-19 Hwɛ, sɛ na m’asomdwoe nti,
na wo na woayi me kra
afi ɔsɛe amoa mu de afam wo ho,
efisɛ wotow me bɔne nyinaa guu w’akyi.
18 Nnw 6.4 Na ɛnyɛ asaman na ɛda wo ase,
ɛnyɛ owu na eyi wo ayɛ.
Wɔn a wosian kɔ amoa mu no
ntwɛn wo nokware;
19Ɔteasefo, ɔteasefo na ɔda wo ase,
sɛ meyɛ nnɛ yi;
agya ma ne mma hu
wo nokware.
20AWURADE begye me nkwa,
na yɛbɛbɔ sanku
yɛn nkwa nna nyinaa,
wɔ AWURADE fi.
21Afei Yesaia kae sɛ wɔmfa borɔdɔma tɔw ntare pɔmpɔ no so, na obenya ahoɔden.
22Na Hesekia nso kae sɛ: Dɛn ne sɛnkyerɛnne sɛ mɛkɔ AWURADE fi?
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
