1Na ɔsɔfo panyin Eliasib ne ne nuanom asɔfo no sɔree na wosii Nguan pon no. Wɔn na wɔyɛɛ no kronkron na wosisii n’apon no. Wɔyɛɛ no kronkron kosii Ɔha abantenten no ho de kosii Hananeel abantenten no ho.
2Na Yeriko mmarima sii nea ɛtoa so, na Imri ba Sakur sii ne ntoaso.
3Na mpataa pon no, Senaa mma na esii, wɔn na wɔsɛm so na wosisii n’apon, ne mpratwom ne n’adaban.
4Wɔn nkyɛn mu na Hakkos ba Uria ba Meremot miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu nso na Mesesabel ba, Berekia ba, Mesulam miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu na Baana ba, Sadok miamiaa mu.
5Wɔn nkyɛn mu na Tekoafo miamiaa mu, na wɔn abirempɔn amfa wɔn ho ammɛhyɛ wɔn AWURADE som no mu.
6Na ɔpon dedaw no, Pasea ba, Yoiada ne Besodeia ba, Mesulam miamiaa mu. Wɔn na wɔsɛm so, na wosisii n’apon ne ne mpratwom ne n’adaban.
7Wɔn nkyɛn mu na Gibeonni, Melatia ne Meronotni Yadon, Gibeon ne Mispa mmarima a wɔhyɛ asuogya amrado no ase no miamiaa mu.
8Ne nkyɛn mu na Harhaia ba Usiel a ofi sika adwumfo mu no miamiaa mu. Ne nkyɛn mu na Hanania, nnufrafo ba no miamiaa mu, na wɔmaa Yerusalem yɛɛ den de kosii ɔfasu tɛtrɛtɛ no so.
9Wɔn nkyɛn mu na Hur ba Refaia, Yerusalem fa so safohene, miamiaa mu.
10Wɔn nkyɛn mu na Harumaf ba Yedaia miamiaa ne fi ntentenso de no mu. Ne nkyɛn mu na Hasabnia ba, Hatus miamiaa mu.
11Baabi nso, Harim ba Malkiya ne Pahat-moab ba Hasub miamiaa mu, ne afononoo abantenten no nso.
12Ne nkyɛn mu na Halohes ba Salum, Yerusalem fa so safohene miamiaa mu, ɔno ne ne mmabea.
13Obon pon no, Hanun ne Sanoafo miamiaa mu, wɔn na wɔtoe na wosisii ano apon, ne mpratwom ne n’adaban, na wɔtoo ɔfasu no basafa ahanum de kosii sumina pon no ano.
14Sumina pon no de, Rekab ba Malkiya, Bet-hakerem abupɛn no so safohene, na omiamiaa mu, ɔno na ɔtoe na osisii ano apon, ne mpratwom ne n’adaban.
15 Yoh 9.7 Na nsuti pon no, Kol-hose ba Salum, Mispa abupɛn no so safohene, na omiamiaa mu, ɔno na ɔtoe na ɔkataa so na osisii ano apon, ne mpratwom ne n’adaban. Ɔtoo Siloa tare ho fasu nso, ɔhene turo no ho de kosii ntrapoe a esian fi Dawid kurow mu no ho.
16Ɔno so na Asbuk ba Nehemia, Bet-sur abupɛn fa so safohene, bɛtoae miamiaa mu de kosii Dawid adamoa ntentenso ne ɔtare a wɔyɛe no ho ara de kosii nnɔmmanin fi.
17Ɔno so na Lewifo no, Bani ba Rehum, bɛtoae miamiaa mu. Ne nkyɛn mu na Hasabia, Keila abupɛn fa so safohene, miamiaa mu maa n’abupɛn.
18Ɔno so na wɔn nuanom Henadad ba Bawai, Keila abupɛn fa so safohene, bɛtoae miamiaa mu.
19Ne nkyɛn mu na Yesua ba Eser, Mispa safohene, miamiaa sin a ɛka ho no mu, kokoam amiade dan ntrapoe no ntentenso.
20Neh 3.1 Ɔno so na Sabai ba, Baruk bɛtoae bɔɔ mmɔden miamiaa sin a ɛka ho no mu fii twea no ho de kosii ɔsɔfo panyin Eliasib fi pon ano.
21Esra 8.33 Ɔno so na Hakos ba, Uria ba, Meremot bɛtoae miamiaa sin a ɛto so abien no mu de fii Eliasib fi pon ano kosii Eliasib fi awiei noho.
22Ɔno so na asɔfo no, Yordan nsunoafo no, bɛtoae miamiaa mu.
23Ɔno so na Benyamin ne Hasub bɛtoae wɔn fi ntentenso. Ɔno so na Anania ba Maaseia ba Asaria bɛtoae ne fi ho.
24Ɔno so na Henadad ba Binui bɛtoae miamiaa sin a ɛka ho no mu de fii Asaria fi no ho kosii kokoa no mu ne twea no ho.
25Yer 32.2; 33.1 Usai ba Palal, dii twea no ne abantenten a ɛteɛ fi atifi ahemfi nneduafo abangua ho no ntentenso. Ɔno so na Paros ba Pedaia dii.
26Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel de kosii nsu pon no ntentenso apuei ne abantenten a efi adi no fam.
27Ɔno so na Tekoafo no bɛtoae miamiaa sin a ɛto so abien mu abantenten kɛse a efi adi no ntentenso kosii Ofel fasu no ho.
28 2 Ah 11.16 Efi apɔnkɔ pon no ano na asɔfo no miamiaa mu, wɔn nyinaa wɔ wɔn afi ntentenso.
29Wɔn so na Imer ba Sadok bɛtoae ne fi ntentenso. Ɔno so na Sekania ba Semaia, apuei ponanohwɛfo no, bɛtoae.
30Ɔno so na Selemia ba, Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf ba a ɔto so asia no bɛtoae miamiaa sin a ɛto so abien no mu. Ɔno so na Berekia ba, Mesulam bɛtoae ne pia ntentenso.
31Ɔno so na Malkiya, sikadwumfo ba no, bɛtoae kosii nsɔfokwaa ne aguadifo no fi, Begua pon no ntentenso kosii twea abansoro dan no ho.
32Na twea abansoro dan no ne nguan pon no ntam no, sika adwumfo ne aguadifo na amiamiaa mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.