1Na afei, sɛ AWURADE a ɔbɔɔ wo, Yakob, na ɔnwenee wo, Israel, no ka ni:
Nsuro, na magye wo,
mabɔ wo din mafrɛ wo, me na wowɔ me.
2 Nnw 66.12 Sɛ woretwa nsu a, me ne wo na ɛwɔ hɔ;
na sɛ worefa nsubɔnten mu a, ɛremfa wo nkɔ.
Sɛ wonam ogya mu a,
ɛrenhyew wo, na ogyaframa renhyew wo.
3 Mmb 11.8 Na me, AWURADE, mene wo Nyankopɔn,
Israel kronkronni, wo gyefo no.
Mede Misraim ayɛ agyede ama wo,
mede Etiopia ne Saba masi w’ananmu.
4Sɛ wosom bo m’anim,
w’anim aba nyam na me na madɔ wo nti,
mede nnipa mɛma masi w’ananmu,
na mede aman bi masi wo kra ananmu.
5 Yes 11.11-16 Nsuro, na me na me ne wo te.
Mede w’asefo mefi apuei aba,
na mafi atɔe maboa wo ano;
6mɛka makyerɛ atifi fam sɛ: Fa ma!
Na maka makyerɛ anafo fam sɛ: Nkora so!
Fa me mmabanin fi akyirikyiri bra,
ne me mmabea fi asase ano:
7 Yer 14.9 Obiara a wɔbɔ me din frɛ no,
na mebɔɔ no memaa m’anuonyam,
menwenee no na meyɛɛ no no.
AWURADE ne nokware Nyankopɔn8 Yes 42.18 Fa ɔman a wɔyɛ anifuraefo nanso wɔwɔ aniwa no fi bra,
ɛne asotifo a wɔwɔ aso no.
9 Yes 41.22, 26 Amanaman nyinaa, munhyia faako,
na aman horow mmoa ano.
Mo mu hena na ɔbɛka eyi?
Na kan nneɛma no, wɔmma yentie!
Wɔmma wɔn adansefo mmra, na wonni bem;
anaa wɔnte, na wɔnka sɛ: Nokware!
10 Yes 41.8 Mone m’adansefo, AWURADE na ose,
ne m’akoa a mayi no no,
sɛ munhu na munnye me nni,
na munhu mu sɛ me ara mene no.
Wɔnnwenee onyame bi m’anim ɛ,
na m’akyi nso obiara remma.
11 Yes 44.6; Deut 32.39 Me, mene AWURADE,
na ogyefo bi nni hɔ sɛ me!
12 Yes 43.10 Me na maka, na magye nkwa, na mama wɔate,
na ɔfoforo bi nni mo mu;
na mone m’adansefo, AWURADE na ose.
13Mene Nyankopɔn, na efi nnɛ nso, mene no,
na obi nni hɔ a oyi fi me nsam;
mɛyɛ ade, na hena na ɔbɛdan ani?
Onyankopɔn yɛ odimafo14Sɛ AWURADE,
mo dimafo, Israel kronkronni no se ni:
Mo nti mɛsoma akɔ Babel,
na mabubu adaban nyinaa,
na mama Kaldeafo ahurusidi adan adwotwa.
15Me, AWURADE, mene mo kronkronni,
Israel bɔfo, mo hene no.
16 Eks 14.22; Yos 3.16 Saa na AWURADE se,
nea ɔma ɛpo mu da ɔkwan
na ɔsa da asu a ɛyɛ den mu no,
17nea ɔmaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ,
ɛdɔm ne nnɔmmarima fii adi no,
wɔn nyinaa dedae, na wɔansɔre bio,
wɔsae, wodunnumii sɛ asaawa,
18Monnkae kan nsɛm,
na munnnwen atetede.
19 Yes 41.18 Hwɛ, mereyɛ ade foforo bi,
afei na ɛrefifi, so munhu?
Mɛbɔ sare so kwan,
mɛma nsubɔnten aba anwea pradada so.
20Wuram mmoadoma bɛhyɛ me anuonyam,
sakraman ne nsohori,
sɛ mama nsu aba sare so
na nsubɔnten aba anwea pradada so,
na mede mama me man a mapaw wɔn no anom,
21 1 Pe 2.9 ɔman a manwene wɔn mafa no,
na wɔaka m’ayeyi akyerɛ.
Onyankopɔn dom22Nanso ɛnyɛ me na wofrɛɛ me, O Yakob,
na me ho ayɛ wo mfonee, o Israel!
23 Yes 1.11-15 Woammrɛ me wo hyew afɔre nguan,
na woamfa w’afɔre anhyɛ me anuonyam;
mamma woamfa aduan afɔre ansom me,
na mamma woammrɛ aduhuam ho;
24woamfa dwetɛ antɔ ahwerew amma me,
na woamma w’afɔre srade ammee me,
na mmom, wode wo bɔne yɛɛ m’adesoa,
na wode w’amumɔyɛ ma mebrɛe.
25 Yes 44.22; Yer 31.34 Me, me ara,
mene nea ɔpopa wo mmarato,
me ara nti, na wo bɔne nso, merenkae.
26 Yes 58.2; Yer 2.35 Bɔ me sobo ɛ, na yemmeyiyi ntɛn;
wo de, ka w'asɛm, na woadi bem.
27 Dan 9.6, 8 W’agya a odi kan no ayɛ bɔne,
na wo kasamafo afomfom me,
28enti na mahura kronkronbea hɔ mmapɔmma no ho,
na mayi Yakob mama mmusu,
na mede Israel mama adapaabɔfo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.