Nnwom mu dwom 4 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Adamfowaa no ahoɔfɛ

1 Nmd 5.12; 6.5 Hwɛ, wo ho yɛ fɛ, m’adamfowaa,

hwɛ, wo ho yɛ fɛ,

na w’aniwa yɛ aborɔnoma aniwa,

w’anim ntontan mu.

Wo nwi te sɛ mmirekyikuw

a wobutubutuw Gilead bepɔw ho.

2 Nmd 6.6 Wo se te sɛ nguankuw

a wɔatwitwa wɔn nwi

a wofi aguaree

a wɔn nyinaa awowo ntanta,

na nea wabu kyenenee nni wɔn mu;

3 Nmd 6.7 w’anofafa te sɛ koogyan hama,

na w’anom kasa yɛ dɛ;

w’asontɔre mu te sɛ atea aba fa,

w’anim ntontan mu;

4 Nmd 7.4 wo kɔn si so teateaa sɛ Dawid abantenten

a akyɛm nketenkete apem sensɛn ho,

ne nyinaa yɛ nnɔmmarima akyɛm;

5 Nmd 7.3 wo nufu abien te sɛ atweforo nta

a wodidi sukooko mu.

6 Nmd 2.17 Mɛkɔ kurobow bepɔw

ne ohuamfufu koko no so

akosi sɛ onwini bedwo,

na sunsuma bɛyera.

7 Nnw 45.13 Wo ho nyinaa yɛ fɛ, m’adamfowaa,

na ɛdɛm biara nni wo ho.

8Ayeforo, wo ne me mfi Lebanon,

wo ne me mfi Lebanon nkɔ,

na yemfi Amena atifi, Senir ne Hermon atifi,

agyata tenabea, asebɔ mmepɔw so, nhwɛ fam.

9Woafa me koma, me nua, ayeforo,

wode w’aniwa mu biako afa me koma,

ne wo kɔn mu ntweaban biako.

10Wo dɔ yɛ fɛ dɛn ara, me nua, ayeforo,

wo dɔ yɛ dɛ sen nsa dɛn ara,

na wo sradehuam hua sen nnuhuam nyinaa.

11W’ano sosɔ ɛwomono, ayeforo,

ɛwo ne nufusu wɔ wo tɛkrɛma ase,

na wo ntade mu hua te sɛ Lebanon hua.

12Me nua, m’ayeforo yɛ turo a woato ano pon mu,

nsuaniwa a wɔasiw ano kwan,

ne asubura a wɔasɔw ano.

13W’abaa yɛ atea aba

ne nnuaba a ɛwɔ bo turo,

ahuahaa ne nnuannua horow,

14nnuannua ne nkuto, osiko ne pɛprɛ

ne ohuamfufu nnua nyinaa, kurobow ne dupapo

ne nnuhuam atitiriw nyinaa;

15nturo mu asubura, mmasu aniwa

ne nsuwansuwa a efi Lebanon so sen.

16Benkum fam mframa, sɔre,

na nifa mframa nso, bra bɛbɔ me turo mu,

ma ne nnuhuam nsosɔ.

Ma me dɔfo mmra ne turo mu,

na onni mu nnuaba a ɛwɔ bo no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help