Mmebusɛm 28 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Nhyira ne nnome

1Abɔnefo guan bere a obi ntaa wɔn,

na treneefo de, wɔyɛ nnam sɛ gyataforo.

2Asase mmarato na ɛma ɛso ahemfo dɔɔso,

na nnipa nhumufo ne nimdefo na ɛma ɔhene kyɛ.

3Ohiani a ɔhyɛ ohiani so

te sɛ osu a ɛpra ade kɔ a ɛmma aduan mma.

4 Nnw 49.13 Wɔn a wogyaw mmara no yi abɔnefo ayɛ,

na wɔn a wodi mmara so no ne wɔn di aperepere.

5Nnipa bɔne nhu atemmu mu,

na wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE akyi kwan no hu ade nyinaa mu.

6 Mmb 19.1 Ohiani a ɔnam ne pɛyɛ mu ye

sen nea ɔkyea akwan abien mu na wanya ne ho.

7Nea obu mmara no yɛ ɔba nyansafo,

na nea ɔne ahohwifo bɔ no hyɛ n’agya aniwu.

8 Mmb 13.22 Nea ɔde mfɛntom ne apempensi dɔre n’ade no,

ɔboaboa ano ma nea obehu abrɛfo mmɔbɔ.

9 Mmb 21.27 Nea oyi n’aso fi mmara tie ho no,

ne mpaebɔ mpo yɛ akyide.

10Nea ogyigye teefo kɔ bɔne kwan so no,

ɔbɛhwe ɔno ara amoa mu,

na pɛyɛfo de wobedi ade pa.

11Onipa defo yɛ n’ani so nyansafo,

na ɔbrɛfo nhumufo hwehwɛ no mu.

12 Mmb 11.10-11 Treneefo di ahurusi a, ɛyɛ fɛ pii,

na abɔnefo sɔre a, nnipa hintaw.

13 Nnw 32.3-5; 1 Yoh 1.8-9 Nea ɔkata ne mmarato so no, ɔrenkye ade,

na nea ɔka na ogyae no, wobehu no mmɔbɔ.

14Nhyira ne onipa a ɔfɛre ade daa yi;

na nea ɔhyɛ ne koma den bɛtɔ bɔne mu.

15Ɔbɔnefo a odi ɔman abrɛfo so

te sɛ gyata a ɔbobom ne sisi a n’ani abere.

16Ɔhene a onni nhumu, na ne nhyɛso so,

nea ɔtan amimdi ma ne nna kyɛ.

17 Gye 4.14 Onipa a odi obi mogya ho so no

obeguan akɔtɔ amoa mu, mma wonnsianka no.

18Nea ɔnam pɛyɛ mu no benya nkwa,

na nea ɔkyea akwan abien mu no bɛhwe ase biako mu.

19 Mmb 6.6-11; 10.4; 12.11 Nea ɔdɔw n’asase no, aduan bɛmee no,

na nea odi ade hunu akyi no, ohia bɛmee no.

20 Mmb 28.22; 20.21 Onipa ɔnokwafo nhyira bɛdɔɔso,

na nea ɔpɛ ntɛm anya ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.

21Animhwɛ nye,

nanso aduan afono ma so mpo na onipa bedi asɛmmɔne.

22 Mmb 28.20; 23.4; 1 Tim 6.9 Oniberefo pere ahonya ho,

na onhu sɛ ohia bɛba no so.

23Nea ɔka obi anim no akyiri no,

obenya anuonyam asen nea ɔde ne tɛkrɛma dɛfɛdɛfɛ.

24 Mat 15.5 Nea ɔfow n’agya ne ne na ade na ɔka sɛ:

Ɛnyɛ mmarato! No yɛ ɔdesɛefo adamfo.

25Nea n’akɔnnɔ so hwanyan atutuw,

na nea ɔde ne ho to AWURADE so bɛdɔ srade.

26 Mmb 3.5 Nea ne ho da ne koma so no yɛ ɔkwasea,

na nea ɔnam nyansa mu no benya aguanye.

27 2 Ko 9.6, 9 Nea ɔma ohiani no, ɛrenhia no,

na nea oyi n’ani no benya nnuabɔ pii.

28 Mmb 29.2 Abɔnefo sɔre a, nnipa hintaw,

na wɔyera a, na treneefo redɔɔso.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help