1 Deut 32.35 Aweredi Nyankopɔn, AWURADE,
aweredi Nyankopɔn, pue.
2 Gye 18.25 Asase temmufo, ma wo ho so,
tua ahokyerɛfo ka.
3AWURADE, enkosi da bɛn na abɔnefo,
enkosi da bɛn na abɔnefo nni ahurusi?
4Wɔka asɛnnennen,
amumɔyɛfo nyinaa di ahantansɛm.
5Wo man de, AWURADE, wɔrebɔ no pasaa,
na wɔbrɛ w’agyapade ase.
6Wokum okunafo ne ɔhɔho,
na wodi nyisaa awu;
7 Nnw 10.11 na wɔka sɛ: AWURADE renhu,
na Yakob Nyankopɔn remmu.
8 Nnw 92.6 Ɔman mu agyimifo, monte ase,
na mo nkwasea, da bɛn na mubehu de?
9 Eks 4.11 Nea ɔtɛw aso no, so ɔrente asɛm,
anaa nea ɔnwenee aniwa no, ɔrenhu ade?
10Nea ɔtwe amanaman aso no, so ɔrenteɛ so,
nea ɔkyerɛ nnipa nimdeɛ no, ɔno ɛ?
11 1 Ko 3.20 AWURADE hu nnipa adwene sɛ ɛyɛ ahuhude.
12 Nnw 19.11-13; Hiob 5.17 Nhyira ne onipa a wo, AWURADE, wotwe n’aso,
na wufi wo mmara no mu kyerɛkyerɛ no,
13 Nnw 37.7 sɛ wobɛma no nna bɔne ho abodam
akosi sɛ wobefunu amoa ama ɔbɔnefo.
14Na AWURADE rentow ne man nkyene,
na ɔrennyaw n’agyapade,
15na atemmu bɛsan akɔ trenee mu,
na komam teefo nyinaa bedi akyiri.
16Hena na ɔbɛsɔre ne nnebɔneyɛfo adi asi ama me?
Hena na obegyina ne amumɔyɛfo adi asi ama me?
17 Nnw 115.17 Sɛ ɛnyɛ AWURADE na ɔyɛ me boafo a,
anka aka kumaa na me kra akɔtena kommyɛ mu.
18Sɛ mise me nan rewatiriw a,
wo, AWURADE, w’adɔe na ɛwaw me.
19 2 Ko 1.4-5 Me mu dadwen dɔɔso a,
w’awerɛkyekye gye me kra ani.
20So amammɔe agua a ɛnam mmara so bɔ mmusu no
ne wo bɛfa ayɔnko anaa?
21Wɔbɔ ɔtreneeni kra so tukuw,
na wobu mogya a edi bem fɔ.
22Nanso AWURADE ayɛ me abankɛse,
na me Nyankopɔn ayɛ me guankɔbea botan.
23Na ɔde wɔn mmusu abua wɔn atifi,
na wɔn bɔne nti obeyi wɔn hɔ;
Yiw, AWURADE, yɛn Nyankopɔn beyi wɔn hɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
