1 2 Ah 12.21 Israel hene Yoahas ba Yoas afe a ɛto so abien so na Yuda hene Yoas ba Amasia bedii hene.2 Be 25.1—26.2
2Obedii hene no, na wadi mfe aduonu anum, na odii hene mfe aduonu akron Yerusalem. Na ne na din de Yoadin a ofi Yerusalem.
32 Ah 12.2-3 Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, nanso ɛnte sɛ n’agya Dawid; sɛnea n’agya Yoas yɛɛ no nyinaa na ɔno nso yɛe.
42 Ah 15.4 Nanso sorɔnsorɔmmea no de, wɔanyi. Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔre na wɔhyew aduhuam sorɔnsorɔmmea no so.
52 Ah 12.20-21 Na ahenni no timii ne nsam no, okum ne nkoa a wokum n’agya ɔhene no.
6Deut 24.16 Na awudifo no mma no de, wankum wɔn, sɛnea wɔakyerɛw Mose mmara no mu sɛnea AWURADE hyɛɛ sɛ: Wonnkum agyanom, mma nti, nso wonnkum mma, agyanom nti, na mmom obiara bɔne so na wonkum no, no.
7Ɔno na okum Edom mu nnipa ɔpedu, Nkyene-bon mu, na ɔde ɔko faa Sela, na ɔtoo ne din Yokteel saa bere no.
Israel hene Yoas di Amasia so nkunim8Ɛbere no mu na Amasia somaa abɔfo kɔɔ Israel hene Yoas, Yehu ba Yehoahas ba, nkyɛn se: Bra ma yɛnsɔ yɛn ho nhwɛ.
9Ate 9.14 Na Israel hene Yoas soma baa Yuda hene Amasia nkyɛn sɛ: Nsɔe dua a ɛwɔ Lebanon no soma kɔɔ kyeneduru a ɛwɔ Lebanon no nkyɛn sɛ: Fa wo babea ma me ba nware. Na wuram mmoa a wɔwɔ Lebanon no sen betiatiaa nsɔe dua no so.
10Okum de, woakum Edom, na wo koma ama wo so. Ma w’anuonyam nnɔ wo so na tena wo fi, na ɛdɛn nti na wo ne mmusu rebedi aperepere na woahwe ase, wo ne Yuda nyinaa?
11Na Amasia antie. Ɛnna Israel hene Yoas foro bae, na wobehyiaam koe, ɔno ne Yuda hene Amasia, wɔ Bet-semes a ɛyɛ Yuda dea hɔ.
12Na Yuda gui Israel anim, na woguan kokɔɔ wɔn ntamadan mu.
13Na Israel hene Yoas kyeree Yuda hene Amasia, Ahasia ba Yoas ba, wɔ Bet-semes; na ɔbaa Yerusalem beburuw Yerusalem fasu fi Efraim pon no ho de kosii twea pon no ho basafa ahannan;
14na ɔfaa sika ne dwetɛ nyinaa, ne nnwinne a wohui AWURADE fi ne ahemfi akorade mu ne nnɔnwowa, na ɔsan kɔɔ Samaria.
15Na Yoas ho nsɛm nkae, nea ɔyɛe ne ne mmaninne, ne sɛnea ɔne Yuda hene Amasia koe no, so wɔankyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu?
162 Ah 13.13 Na Yoas wui, na wosiee no Samaria kaa Israel ahene ho, na ne ba Yeroboam bedii n’ade.
17Na Yuda hene Amasia, Yoas ba, tenaa ase mfirihyia dunum, Israel hene Yoas, Yoahas ba, wu akyi.
18Na Amasia ho nsɛm nkae no, wɔakyerɛw ahyɛ Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu.
192 Ah 12.20 Na wɔpam ne tiri so Yerusalem, na oguan kɔɔ Lakis; na wɔsoma tiw no kɔɔ Lakis, na wokokum no wɔ hɔ.
202 Ah 9.28 Na wɔde no too apɔnkɔ so bae, na wosiee no Yerusalem kaa n’agyanom ho, Dawid kurow mu.
21 2 Ah 15.1-2 Ɛnna Yuda man no nyinaa faa Asaria a wadi mfe dunsia no na wosii no hene sii n’agya Amasia ananmu.
222 Ah 16.6 Ɔno na ɔkyekyeree Elat na ɔdan maa Yuda, na akyiri no ɔhene no wu kɔɔ n’agyanom nkyɛn wɔ asaman.
Yeroboam a ɔto so abien di Israel so hene23 2 Ah 14.16; Hos 1.1; Amos 1.1 Yuda hene Amasia, Yoas ba, afe a ɛto so dunum so na Israel hene Yeroboam, Yoas ba, bedii hene, Samaria, mfe aduanan biako.
241 Ah 12.26-33 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, wamfi Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne nyinaa ho.
25Yona 1.1 Ɔno na okogyee Israel hye san maa wɔn de fi Hamat de besii Araba po ano, sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn nam n’akoa, Amitai ba Yona, odiyifo a ofi Gat-hefer, so kae no.
26Deut 32.36 Na AWURADE huu Israel amanehunu sɛ ɛyɛ nwene papa, na ɔdehye ne akoa nyinaa kɔ, na Israel nni boafo bi.
272 Ah 13.5 Nso AWURADE nkae sɛ ɔbɛpopa Israel din afi ɔsoro ase, na ɔnam Yoas ba Yeroboam so gyee wɔn.
28Na Yeroboam ho nsɛm nkae, ne nea ɔyɛe nyinaa ne ne mmaninne, sɛnea ɔkoe ne sɛnea ɔdan Damasko ne Hamat a ɛyɛ Yuda de no maa Israel no, wɔakyerɛw no Israel ahene beresosɛm nhoma no mu.
292 Ah 15.18 Na Yeroboam tiw n’agyanom Israel ahemfo no wɔ asamando, na ne ba Sakaria bedii n'ade.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.