Gyenesis 25 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Abraham ne Ketura mma(1 Berɛsosɛm 1.32-33)

1Na Abraham waree yere bio, a ne din de Ketura.

2Esau ne Yakob awo

19Na eyinom ne Abraham ba Isak awo ntoatoaso: Abraham woo Isak.

20Na Isak dii mfirihyia aduanan no, ɔwaree Rebeka, Aramni Betuel ba a ofi Mesopotamia ne Aramni Laban ne nua.

21Na Isak srɛɛ AWURADE maa ne yere, efisɛ ɔyɛ obonin, na AWURADE tiee n'adesrɛ no, na ne yere Rebeka nyinsɛnee.

22Na nkokoaa no pempem wɔn ho wɔ ne yam. Na ose: Sɛ ɛte saa a, na mete hɔ yɛ dɛn? Na okobisaa AWURADE.

23

26Na ɛno akyi no, ne nua no fi bae, na ne nsa kura Esau nantin, enti wɔtoo no din Yakob. Na wɔwoo wɔn no, na Isak adi mfe aduosia.

Esau tɔn ne panyin

27Na mmofra no nyinii, Na Esau yɛ onipa a waben yiye wɔ ahayɔ mu ne ɔhamuni, na Yakob de, ɔyɛ onipa a odwo a ɔte ntamadan mu.

28Na Isak dɔ Esau, efisɛ ne hanam yɛ no dɛ; na Rebeka de ɔdɔ Yakob.

29Na Yakob noaa aduan bi, na Esau fi wuram bae no, na wabrɛ.

30Na Esau ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Ma me ade kɔkɔɔ yi bi minni ɛ, na mabrɛ. (Enti wɔde too no din Edom)

31Na Yakob kae sɛ: Tɔn wo panyin ma me nnɛ.

32Na Esau kae sɛ: Hwɛ, owu na merebewu yi, na ɔpanyin yi bɛyɛ me dɛn?

33Gye 27.36; Heb 12.16 Na Yakob kae sɛ: Ka ntam kyerɛ me nnɛ. Na ɔkaa ntam kyerɛɛ no tɔn ne panyin maa Yakob.

34Ɛnna Yakob maa Esau abodoo ne asɛdua a wɔanoa no bi; na odidi nomee, na ɔsɔre kɔɔ ne kwan. Na sɛnea Esau ammu ne panyin ne no.

Blog
About Us
Message
Site Map