2 Ahene 16 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ahas di Yuda so hene(2 Berɛsosɛm 28.1-27)

1 2 Ah 15.38 Remalia ba Peka afe a ɛto so dunson mu na Yuda hene Ahas a ɔyɛ Yotam ba bedii hene.2 Be 28

2Ahas bedii hene no, na wadi mfirihyia aduonu, na odii hene mfirihyia dunsia Yerusalem. Na wanyɛ nea ɛteɛ AWURADE ne Nyankopɔn ani so sɛ n’agya Dawid.

32 Ah 21.6; Lew 18.21 Na ɔfaa Israel ahene kwan so, na ne ba po ɔma ɔfaa ogya mu, sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn fii Israelfo anim no akyide te no.

4Na ɔbobɔɔ afɔre na ɔhyew nnuhuam sorɔnsorɔmmea ne nkoko so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase.

5 Yes 7.1-9 Ɛbere no mu na Siria hene Resin ne Israel hene Remalia a ne ba ne Peka, foro baa Yerusalem bɛkoe; na wɔkaa Ahas hyɛɛ mu, nanso wɔantumi anni no so.

62 Ah 14.22 Ɛbere no mu ara na Siria hene Resin gyee Elat san maa Siria, na ɔpam Yudafo no fii Elat, na Edomfo baa Elat bɛtenaa hɔ de besi nnɛ.

72 Ah 15.29 Na Ahas somaa abɔfo kɔɔ Asaria hene Tiglat-pileser nkyɛn sɛ: W’akoa ne wo ba ne me; foro bra begye me Siria hene ne Israel hene a wɔasɔre ahyɛ me yi nsam.

81 Ah 15.18 Na Ahas faa dwetɛ ne sika a wohui AWURADE fi ne ɔhene fi akorade mu no soma ma wɔde kɔmaa Asaria hene sɛ ayɛyɛde.

9Na Asaria hene tiee no, na Asaria hene foro baa Damasko, na ɔbɛfae, na otuu wɔn kɔtenaa Kir, na okum Resin.

10Na ɔhene Ahas siim kohyiaa Asaria hene Tiglat-pileser wɔ Damasko. Na okohuu afɔremuka a ɛwɔ Damasko no, na ɔhene Ahas de afɔremuka no nsɛso ne nsusuwso sɛnea ne yɛbea nyinaa te soma brɛɛ ɔsɔfo Uria.

11Na ɔsɔfo Uria sii afɔremuka no sɛnea ɔhene Ahas soma fii Damasko brɛɛ no no, saa na ɔsɔfo Uria yɛ siee ɔba a ɔhene Ahas fi Damasko bae no.

12Na ɔhene fi Damasko bae no, ɔhene behuu afɔremuka no, na ɔhene twiw bɛn afɔremuka no, na ɔbɔɔ so ɔhyew afɔre.

13Na ɔhyew ne hyew afɔre ne n’aduan afɔre, na ohwiee n’ahwiesa, na ɔde n’asomdwoe afɔre mogya petee afɔremuka no so.

14Na kɔbere afɔremuka a esi AWURADE anim no, otwiw fii asɔredan no anim, afɔremuka foforo no ne AWURADE dan no ntam, de kosii afɔremuka no nkyɛn mu benkum fam.

15Na ɔhene Ahas hyɛɛ ɔsɔfo Uria sɛ: Afɔremuka kɛse no so na hyew anɔpa hyew afɔre ne anwummere aduan afɔre ne ɔhene hyew afɔre ne n’aduan afɔre ne asase yi sofo nyinaa hyew afɔre ne wɔn aduan afɔre ne wɔn ahwiesa, na fa ɔhyew afɔre mogya nyinaa ne okum afɔre mogya nyinaa pete so; na kɔbere afɔremuka no nsi me hɔ na minnwen ho.

16Na ɔsɔfo Uria yɛɛ sɛnea ɔhene Ahas hyɛɛ no nyinaa.

17 1 Ah 7.23-39 Na ɔhene Ahas twitwaa nnaka no nhyehyɛmu no, na oyiyii so aguasɛn no, fii kɔbere anantwi a ɛwɔ ase no so, na ɔde sii abonsɛwee bi so.

18Na ɔkwan a wɔakata so a wɔfa so homeda a wɔyɛe ofi no mu ne ɔhene mfikyikwan no, Asaria hene nti oyi kɔtoo AWURADE fi.

19Na Ahas ho nsɛm nkae, nea ɔyɛe no, so wɔankyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu?

202 Ah 18.1 Na Ahas wui, na wosiee no kaa n’agyanom ho, Dawid kurow mu; na ne ba Hesekia bedii n’ade.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help