Yesaia 63 - KYER?W KRONKRON(RATB)

AWURADE di amanaman no so nkunim

1 Yes 42.1, 3 Hena ne oyi a ofi Edom reba,

nea ne ntade bere kɔɔ a ofi Bosra reba yi?

Oyi a wahoman, n’adurade mu,

na ɔkyea, ne tumi kɛse mu yi?

Ɛyɛ me a mekasa de ahosan akyerɛ

otumfo a mikura nkwagye no.

2 Adi 19.13 Ɛdɛn na w’adurade bere sɛɛ,

na wo ntade te sɛ

nsa-kyi-amoa mu tiatiafo de yi?

3 Adi 14.20; Yoel 3.13 Nsa-kyi-amoa no, me nko na matiatia mu,

na aman sofo mu biara nka me ho;

na mitiatiaa wɔn so m’abufuw mu,

na mewɔw wɔn m’abufuhyew mu,

na wɔn mu nsu abɔ apete me ntade mu,

na akeka m’adurade nyinaa mu.

4 Yes 13.9; 34.8; 61.2 Na aweredi da bi wɔ me koma mu,

na me gye afe no aba.

5 Yes 59.16 Na mehwɛe, nso na ɔboafo bi nni hɔ;

na ɛyɛɛ me nwonwa sɛ obi nni hɔ a oso mu abia;

ɛnna m’ankasa basa gyee me,

na m’abufuhyew nso soo me mu abia.

6 Yes 51.17 Na mitiatiaa aman so,

m’abufuw mu, na mema wɔbobowee, m’abufuhyew mu,

na mihwiee wɔn mogya miguu asase so.

Onyankopɔn dɔ a ɔdɔ ne man

7Mɛbɔ AWURADE adɔeyɛ din,

AWURADE ayeyide no,

sɛ ɛfata nea AWURADE ne yɛn adi no nyinaa,

na maka Israel fi yiye pii a ɔde ayɛ wɔn no,

sɛ n’ayamhyehye

ne n’adɔeyɛde dodow no te no.

8 Deut 32.5, 20 Na ose: Me man ara ne wɔn,

mma a wɔrenni atoro,

na ɔyɛɛ wɔn agyenkwa.

9 Eks 33.14-15 Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiaa no,

na n’anim bɔfo no gyee wɔn;

ne dɔ ne ne nkyɛeso mu na ogyee wɔn,

na ɔmomaa wɔn so, na ɔsoaa wɔn tete nna no nyinaa mu.

10Na wɔn de, wɔtew atua

na wɔhyɛɛ ne honhom kronkron no yaw,

enti ɔdan wɔn ɔtamfo,

na ɔno ara ne wɔn dii dɔm.

11 Eks 14.30 Ɛnna ne man kaee Mose tete nna no sɛ:

Ɛhe na nea oyii wɔn ne ne nguankuw ahwɛfo no fii po mu no wɔ?

Ɛhe na nea ɔde

ne kronkronyɛ honhom

sii wɔn mu no wɔ?

12Nea ɔmaa n’anuonyam basa no

dii Mose nifa,

nea ɔpaee nsu mu,

wɔn anim de gyee daa din fae no?

13Nea ɔma wɔfaa ebun mu

sɛ ɔpɔnkɔ fa anwea so

na wɔanwatiri no?

14AWURADE honhom ma wɔhomee

sɛ mmoa a wosian kɔ obon mu.

Saa na wokyerɛɛ wo man kwan

de gyee anuonyam din fae.

Mmɔborohunu ne ɔboa ho adesrɛ

15Brɛ w’ani ase fi soro, na fi wo kronkronyɛ ne w’anuonyam tenabea hɔ hwɛ.

Ɛhe na wo ninkuntwe ne wo mmaninne no wɔ?

W’ayamhyehye ne wo mmɔborohunu afi me ho.

16 Deut 32.6 Na wo ara wone yɛn agya;

na Abraham nnim yɛn,

na Israel nhu yɛn:

Wo, AWURADE ara ne yɛn agya,

yɛn gyefo ne wo din fi tete bemee.

17O AWURADE, ɛdɛn nti na woma yefi wo kwan so

kɔwɔ ntwɛtwɛdɛ, na wupirim yɛn koma na yɛansuro wo?

San bra, wo nkoa nti,

w’agyapade mmusuakuw no nti.

18 Nnw 79.1 Wo man kronkron kuraa wo kronkronbea no kakraa bi;

yɛn ahohiafo atiatia so.

19Yɛadannan sɛ wɔn a wunnii wɔn so da;

sɛ wɔn a wɔmmɔɔ wo din wɔ wɔn so da.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help