Nnwom 72 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Asomdwoe hene ne n’ahenniSolomon de

1Onyankopɔn, fa w’atemmu ma ɔhene,

ne wo trenee ma ɔhene ba.

2Ma ɔmfa trenee nni wo man so,

na ɔmfa atemmu nhwɛ w’amanehunufo.

3 Nnw 85.8-13 Mmepɔw bɛsow asomdwoe ama ɔman,

na nkoko nso de trenee aba.

4 Nnw 72.12 Obedi ɔman mu amanehunufo asɛm ama wɔn,

na wagye ahiafo mma nkwa,

na wabubu nhyɛsofo mu pasapasa.

5Owia ne ɔsram da so wɔ hɔ yi,

wobesuro wo, awo ntoatoaso nyinaa mu.

6Ɔbɛba sɛ osu a ɛtɔ gu sare a wɔahuw so so,

sɛ osu kɛse a ɛtɔ dwudwo asase mu.

7Ɔtreneeni besi frɔmm, ne bere so,

na asomdwoe pii bɛba akodu sɛ ɔsram nni hɔ bio.

8 Sak 9.10 Obedi hene afi po so akosi po so,

de afi asubɔnten no so akosi asase ano.

9 Yes 49.23 Wɔn a wɔte sare so bɛkotow n’anim,

na n’atamfo ataforo mfutuma.

10 Nnw 68.29; Yes 60.9 Tarsis ne nsupɔw mu ahene bɛba abɛyɛ ayɛ,

Saba ne Seba ahene bɛba abɛkyɛ ade.

11 Nnw 2.8, 10-12 Na ahene nyinaa bɛkotow asɔre no,

amanaman nyinaa bɛsom no.

12 Hiob 36.15; Nnw 35.10 Na obegye ohiani a osu frɛ no,

ne ɔmanehunufo a onni boafo.

13Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so,

na wagye ahiafo kra nkwa.

14 Nnw 9.12 Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu,

na wɔn mogya bo ayɛ den n’anim.

15 Nnw 72.10; 84.9 Na obenya nkwa, na ɔde Seba sika no bi bɛma no,

na ɔno nso bɛbɔ mpae ama no daa, ahyira no daa adesae.

16Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi,

ɛso aba bɛwosow sɛ Lebanon,

na nkurow no asoa sɛ asase so wura.

17 Gye 12.3; 22.18 Ne din bɛtena hɔ daa,

na owia wɔ hɔ yi, ne din asi so,

na nnipa de no ahyira wɔn ho,

na amanaman nyinaa ahyira no.

18Nhyira ne AWURADE Nyankopɔn,

Israel Nyankopɔn a ne nko yɛ anwonwade,

19 Nnw 41.13; Yes 6.3 na nhyira ne n’anuonyam din daa,

na n’anuonyam nhyɛ asase nyinaa ma.

Amen ne Amen.

20Yese ba Dawid mpaebɔ asa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help