Numeri 36 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Mma mmea awarefo ho asɛm

1Na Gilead, Makir ba, Manase ba mma abusua mu mpanyimfi so atitiriw a wofi Yosef mma mmusua mu no bae bɛkasae, Mose ne mmapɔmma no, Israelfo mpanyimfi so atitiriw no, anim,

2Num 26.55; 27.6-7 na wose: AWURADE ahyɛ me wura sɛ wɔmfa ntontobɔ so nkyɛ asase no mu mma Israelfo na wonni so, na me wura nyaa AWURADE anom mmara sɛ wɔmfa yɛn nua Selofehad agyapade mma ne mmabea.

3Na sɛ wɔkɔyɛ Israelfo mmusuakuw mu mma bi yerenom a, ɛnne wɔn agyapade no befi yɛn agyanom agyapade mu, na wɔde akɔka abusuakuw ko a wɔakɔyɛ wɔn de no agyapade ho, na afi yɛn ntonto kyɛfa no mu;

4Lew 25.10-13 na sɛ edu Israelfo ahosɛpɛw afahyɛ afe so a, wɔde wɔn agyapade no bɛka abusuakuw a wɔakɔyɛ wɔn de no agyapade ho, na wɔayi wɔn agyapade afi yɛn agyanom abusuakuw agyapade mu.

5Na Mose nam AWURADE asɛm so hyɛɛ Israelfo no sɛ: Nea Yosef mma abusuakuw aka yi teɛ.

6Eyi ne nea AWURADE ahyɛ wɔ Selofehad mmabea no ho: Obiara a wosusuw sɛ oye no, wɔnware no, nanso wɔn agyanom abusuakuw mu abusua bi mu na wɔnware,

7na Israelfo agyapade bi amfi abusuakuw bi mu ankɔ abusuakuw foforo bi mu, na Israelfo mfomfam wɔn agyanom abusuakuw agyapade ho.

8Na ɔbabea biara a onya agyapade Israelfo mmusuakuw mu no nyɛ obi a ofi n'agya abusuakuw mu abusua bi mu yere, na Israelfo nnya wɔn agyanom agyapade nni so,

9na agyapade bi amfi abusuakuw bi mu ankɔ abusuakuw foforo mu; na Israelfo mmusuakuw no mfomfam wɔn agyapade ho.

10Sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no, saa ara na Selofehad mmabea no yɛe;

11Num 26.33 na Mahla, Tirsa ne Hogla ne Milka ne Noa, Selofehad mmabea no warewaree wɔn agya nuanom mma;

12na wɔwarewaree wɔ Yosef ba Manase mma mmusua mu, na wɔn agyapade no kaa wɔn agya abusuakuw no mu.

13Eyinom ne mmara nsɛm ne atemmude a AWURADE nam Mose so hyɛɛ Israelfo wɔ Moab tataw so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help