Deuteronomium 9 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Israelfo ahantan(Eksodɔs 32.1-35)

1 Deut 1.28 Israel, tie! Worebetwa Yordan nnɛ akɔ akotu amanaman a wɔsosoe na wɔn ho yɛ den sen wo, afa nkurow akɛse a wɔatoto ho afasu akɔ soro,

2Num 13.32-33 ɔman kɛse a wɔwowaree, Anakfo mma a wunim wɔn na woate wɔn ho asɛm sɛ: Hena na obegyina Anak mma anim no?

3Deut 4.24 Na hu nnɛ sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ne nea odi w’anim retwa, sɛ ogya a ɛhyew; ɔno na ɔbɛsɛe wɔn, na wabrɛ wɔn ase, w’anim, na watu wɔn asɛe wɔn ntɛm, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ wo no.

4 Deut 8.17; Gye 15.16 Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn tu wɔn fi w’anim gu a, nka wo koma mu sɛ: Me trenee nti na AWURADE de me bae sɛ memmɛfa asase yi; na amanaman yi abɔnefosɛm nti na AWURADE retu wɔn afi w’anim.

5Ɛnyɛ wo trenee ne wo koma a ɛteɛ nti na worekɔ akɔfa wɔn asase, na mmom amanaman yi abɔnefosɛm nti na AWURADE wo Nyankopɔn retu wɔn afi w’anim, na wama asɛm a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom, Abraham, Isak ne Yakob no atim.

6 Eks 32.9 Enti hu sɛ ɛnyɛ wo trenee nti na AWURADE wo Nyankopɔn de asase pa yi rema wo sɛ di so, na ɔman a wɔn kɔn asen ne wo.

7Kae, na mma wo werɛ mmfi, sɛnea wuyii AWURADE wo Nyankopɔn abufuw sare so no; efi da a wufii Misraim asase so de besii sɛ mobaa ha yi, motew AWURADE anim atua.

8Eks 32 Na Horeb nso muyii AWURADE abufuw, na ɛmaa AWURADE bo fuw mo sɛ anka ɔbɛsɛe mo;

9ɛbere a meforoo bepɔw no sɛ mikogye abopon, apam a AWURADE ne mo pamee no apon no, midii bepɔw no so adaduanan awia ne anadwo, mannidi na mannom;

10na AWURADE maa me abopon abien a wɔde Onyankopɔn nsatea kyerɛwee a nsɛm a AWURADE fii ogya mu wɔ bepɔw no so ne mo kae guabɔ da no nyinaa wɔ so.

11Na adaduanan awia ne anadwo no wiee du no, AWURADE de abopon abien, apam apon no, maa me,

12na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre sian fi ha ntɛm, na ɔman a wukoyii wɔn Misraim no di asɛmmɔne; wɔadan ntɛm afi ɔkwan a mehyɛɛ wɔn no so; wɔayɛ sika ohoni afa.

13Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mahu ɔman yi, na hwɛ, wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asen;

14gyaa me ma mensɛe wɔn, na mempopa wɔn din mimfi ɔsoro ase, na mede wo mɛyɛ ɔman a ɛyɛ den na ɛso sen wɔn.

15Ɛnna medan me ho mifii bepɔw no so misianee, na bepɔw no redɛw ogya, na apam apon abien no kurakura me nsam;

16na mihui, na hwɛ, moayɛ AWURADE mo Nyankopɔn bɔne ayɛ nantwi ba a wɔagu afa: Moaman ntɛm afi ɔkwan a AWURADE hyɛɛ mo no so.

17Ɛnna mefaa apon abien no metow fii me nsam gui, na mebobɔe wɔ mo anim.

18Deut 10.10; Eks 34.28 Na mehwee AWURADE anim ase sɛ kan no, adaduanan awia ne anadwo, mannidi na mannom, mo bɔne a moyɛe nyinaa, sɛ moyɛɛ nea enye AWURADE ani so de hyɛɛ no abufuw no nti.

19Heb 12.21 Na misuroo abufuw ne aboɔhyew a AWURADE anya mo ho na ɔde rebɛsɛe mo no. Na AWURADE tiee me saa bere no nso.

20Na AWURADE faa Aaron abufuw kɛse sɛ ɔrebɛsɛe no; na mepaa kyɛw memaa Aaron nso saa bere no.

21Na mefaa mo bɔne a moyɛe a ɛne nantwi ba no, na mede ogya mehyewee, na misiw meyam no muhumuhu kosii sɛ efei sɛ mfutuma, na metow ne mfutuma no guu asu a efi bepɔw no so sen no mu.

22 Eks 17.7; Num 11.3, 34 Na Tabera ne Masa ne Kibrot-hataawa nso muyii AWURADE abufuw.

23Deut 13.2, 3; Deut 14.1-4 Na AWURADE somaa mo fi Kades-barnea kae sɛ: Momforo nkɔfa asase a mede mama mo no, motew AWURADE mo Nyankopɔn anom asɛm no atua, na moannye no anni, na moantie ne nne.

24Deut 9.7 AWURADE anim atuatewfo ne mo fi da a mihuu mo.

25 Deut 9.18 Na mehwee AWURADE anim ase adaduanan ne anadwo aduanan; na mehwee ase, efisɛ AWURADE aka sɛ ɔrebɛsɛe mo;

26na mepaa AWURADE kyɛw sɛ: AWURADE, nsɛe wo man ne w’agyapade a wode wo kɛseyɛ agye wɔn na wode nsa a ɛyɛ den ayi wɔn afi Misraim no.

27Kae wo nkoa Abraham, Isak ne Yakob; nnan w’ani nhwɛ ɔman yi asoɔden ne wɔn amumɔyɛ ne wɔn bɔne,

28Deut 14.16 na asase a wuyii yɛn fii so no sofo anka sɛ: AWURADE antumi amfa wɔn ankɔ asase a ɔkaa wɔn ɛho asɛm no so, na ɔtan a ɔtan wɔn nti na ɔde wɔn fi kɔe sɛ okokunkum wɔn sare so.

29Na wɔyɛ wo man ne w’agyapade a wode wo tumi kɛse ne wo nsa a woateɛ ayi wɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help