1 Samuel 21 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Dawid guan fi Saul anim

1Na Dawid baa Nob sɔfo Ahimelek nkyɛn. Na Ahimelek de ahopopo behyiaa no, ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wo nko nam na onipa bi nka wo ho yi?

2Na Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfo Ahimelek sɛ: Ɔhene ahyɛ me asɛm bi di, na waka akyerɛ me sɛ: Mma obiara nnhu dekode a meresoma wo ho, ne nea mahyɛ wo no ho biribi; na mmerante no nso, mahyɛ wɔn sɛ wɔnkɔ baabi.

3Na afei, dɛn na ɛwɔ wo nsam? Ma me abodoo anum anaa biribiara a wubenya.

4Lew 24.5-9; 22.3-7; Eks 19.15 Na ɔsɔfo no buaa Dawid sɛ: Abodoo hunu bi nni me nsam, sɛ abodoo kronkron na ɛwɔ hɔ; sɛ mmerante no akora wɔn ho afi mmea ho nko a!

5Na Dawid bua see ɔsɔfo no sɛ: Ampa, nnansa ni a misiim yi, yennyaa ɔbea ho kwan da; ɔkwan hunu a yɛretu no mu mpo, na mmerante no ade ho tew, na menne nnɛ a ɛsɛ sɛ wɔn ade ho tew yi.

6Mat 12.3 Ɛnna ɔsɔfo no de akronkronne no maa no, efisɛ na abodoo bi nni hɔ sɛ kyerɛ abodoo a woyi fi AWURADE anim de abodoohyew begu hɔ da a woyii no.

7 1 Sa 22.9, 18 Nso Saul nkoa mu nipa bi wɔ hɔ da no a wɔato no mu, AWURADE anim, ne din de Doeg, Edomni a ɔyɛ Saul mmoahwɛfo mu panyin no.

8Na Dawid ka kyerɛɛ Ahimelek sɛ: So peaw anaa nkrante bi nni wo nsam ha? Na me nkrante ne me nneɛma po mamfa mankura, efisɛ ɔhene asɛm no, wɔpɛ no ntɛm.

91 Sa 17.50-51 Na ɔsɔfo no kae sɛ: Filistini Goliat a wukum no Ela bon mu no nkrante, hwɛ, ɛno na wɔabobɔw no ntama mu da asɔfotade no akyi no, ɛno na wobɛfa a, fa, na foforo bi nni ha sɛ ɛno. Na Dawid kae sɛ: Ebi nte sɛ ɛno, fa ma me!

10 Nnw 56.1 Na Dawid sɔre guanee da no fii Saul anim, na ɔkɔɔ Gat hene Akis nkyɛn.

111 Sa 18.7; 29.5 Na Akis nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: So ɛnyɛ Dawid, asase no so hene no ni? Ɛnyɛ oyi na wɔtoo ne ho dwom asaw mu kae sɛ:

Saul akum n’apem, apem

na Dawid akum ne ɔpedu, ɔpedu, no?

12Na Dawid de nsɛm yi siee ne koma mu, na osuroo Gat hene Akis anim sɛ.

13Nnw 34.1 Na ɔsakraa ne suban wɔn anim, na ɔboapa yɛɛ ne ho bɔdamfo wɔn nsam, na ɔnworannworan kurow no apon ho, na ɔmaa ne ntasu sensann ne bogyesɛ mu.

14Ɛnna Akis ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Hwɛ, muhu sɛ onipa yi abɔ dam, na ɛdɛn nti na mode no abrɛ me?

15So abɔdamfo abɔ me na mode oyi aba sɛ ommedi me so abɔdamsɛm yi? So oyi mmra me fi anaa?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help