1Na Yakob frɛɛ ne mma se: Mommoaboa mo ho ano, na menka mo nea ɛbɛyɛ mo, nna a edi akyiri no mu.
2Yakob mma, munhyia, na muntie; muntie mo agya Israel!
3 Gye 29.32; Deut 21.17 Ruben, m'abakan ne wo, m'ahoɔden ne me mmaninyɛ asefi.
Wowɔ nidi a ɛkyɛn so, ne tumi a ɛkyɛn so.
4 Gye 35.22 Wuhinhim sɛ nsu, enti wo kanni befi wo nsa,
efisɛ woforoo w'agya nnae.
Ɛno mu na wuguu wo ho fi, me mpa na ɔforoe!
5Simeon ne Lewi yɛ anuanom.
Wɔn nkrante yɛ anuɔden akode.
6 Nnw 16.9; 30.12; Gye 34.25 Me kra, nnkɔ wɔn agyina mu, na m'anuonyam, nkɔfra wɔn asafo mu.
Efisɛ wɔn abufuw mu na wokum nnipa,
na wɔn ahupoo mu na wɔsɛee anantwi.
7 Yos 19.1-9; 21.1-42 Wɔadome wɔn abufuw, sɛ ɛso dodo,
ne wɔn anibere, sɛ emu yɛ den.
Mɛkyekyɛ wɔn mu wɔ Yakob mu,
na mabɔ wɔn mapete Israel mu.
8 Num 10.14; Ate 1.1-2 Yuda, wo na wo nuanom beyi wo ayɛ;
wo nsa bɛhyɛ w'atamfo kɔn so;
w'agya mma bɛkotow w'anim.
9 Num 23.24; Adi 5.5 Ogyata ba ne Yuda;
hanam so na wode anyin, me ba.
Ɔkotow, obutuw sɛ gyata ne gyatabere;
hena na ɔbɛhwanyan no?
10 Num 24.17; 1 Be 5.2; 28.4; Heb 7.14 Ahempoma remfi Yuda nsa,
na mmarahyɛ poma remfi n'anan ntam,
kosi sɛ ɛsodifo a
aman bɛyɛ osetie ama no no bɛba.
11 Yoel 3.18 Ɔsa n'afurum ba wɔ bobe mu,
ne n'afurummere ba wɔ bobe pa mu.
Ɔhoro n'atade wɔ nsa mu,
ne ne ntama wɔ bobe aba mogya mu.
12Bobesa bɛma n'ani ayɛ kɔɔ,
na nufusu ama ne se ayɛ fitaa.
13 Yos 19.10-16 Sebulon tenabea bɛkyerɛ mpoano,
na wahwɛ nea ahyɛn gyinagyina,
na ɔne Sidon abɔ ɔhye.
14Isakar yɛ afurum hoɔdenfo,
obutuw mmoaban ntam;
15na ohu sɛ ɔhomebea no ye,
na asase no yɛ fɛ,
na ɔbrɛ ne mmati ase de gye adesoa,
na ɔde ɔsom adwuma ayi tow.
16 Ate 13.25 Dan bebu ne nkurɔfo atɛn
sɛ Israel mmusuakuw mu biara.
17Dan bɛyɛ ɔkwan so wɔ,
ɔtempɔn so ahurutoa.
Ɔka ɔpɔnkɔ nantin,
na ne so tenafo ahwe n'akyi.
18 Nnw 119.166; Hab 2.3 AWURADE, wo nkwagye
na mehwɛ no kwan.
19Gad, asafo bi retoa no,
na ɔno nso atoa wɔn aka wɔn nantin.
20 Yos 19.24-31 Aser aduan bɛyɛ sradeduan,
na ɔbɛma ahennuan a ɛyɛ akɔnnɔ.
21 Ate 4.6-10 Naftali yɛ ɔforote a wɔato no sraha;
ɔka adɛdɛsɛm.
22 Hos 13.15 Yosef yɛ dua a ɛsow aba baa,
dua a ɛsow aba wɔ nsu aniwa so baa;
n'abaa tratra ɔfasu.
23Mmɛmmatofo hyɛɛ no yaw,
wɔtotow no, na wɔtaa no.
24Nanso na ne tadua kura no pintinn,
na ne basa mu yɛɛ den.
Efi Yakob tumfo no nsam,
efi ɔhwɛfo a ɔyɛ Israel botan no mu.
25Efi w'agya Nyankopɔn, ɔmmoa wo,
na efi Tweaduampɔn hɔ, onhyira wo,
ɔmfa ɔsorosoro nhyira,
ne ebun a ɛtrɛtrɛw ase mu nhyira,
ne nufu ne yafunu mu nhyira, nhyira wo.
26 Gye 45.8 W'agya nhyira
aboro m'agyanom nhyira so
akodu tete nteredee nkoko no ahye so noho;
ɛmmra Yosef atifi,
nea woyii no fii ne nuanom mu no mpampam.
27 Ate 20.25; 1 Sa 9.1-2 Benyamin yɛ pataku a ɔtetew mmoa mu;
odi hanam anɔpa,
na anwummere nso ɔkyɛ asade mu.
28Eyinom nyinaa ne Israel mmusuakuw dumien no, na eyi ne nea wɔn agya ka kyerɛɛ wɔn de hyiraa wɔn. Sɛnea wɔn nhyira te mmiako mmiako na ohyiraa wɔn.
Yakob wu ne ne sie29Na ɔhyɛɛ wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔrebɛboaboa me akɔka me nkurɔfo ho. Munkosie me m'agyanom nkyɛn, wɔ ɔbodan a ɛwɔ Hetini Efron afuw mu no mu,
30ɔbodan a ɛwɔ Makpela afuw so, wɔ Mamre ntentenso, wɔ Kanaan asase so, asase a Abraham tɔe wɔ Hetini Efron nkyɛn de yɛɛ asiebea no mu.
31Gye 25.9; 35.29 Ɛhɔ na wosiee Abraham ne ne yere Sara, ɛhɔ na wosiee Isak ne ne yere Rebeka, na ɛhɔ na misiee Lea.
32Afuw no ne ɔbodan a ɛwɔ mu no, wɔtɔe wɔ Het mma nkyɛn.
33Na Yakob hyɛɛ ne mma samansew wiei no, ɔboaa ne nan ano guu mpa no so, na oguu ahome a edi akyiri, na otiw ne nananom wɔ asamando.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.