1 1 Sa 30.8 Na eyi akyi no Dawid bisaa AWURADE sɛ: So memforo menkɔ Yuda nkurow bi mu anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ! Na Dawid kae sɛ: Ɛhe na memforo menkɔ? Na ose: Hebron.
21 Sa 25.42-43 Ɛnna Dawid kɔɔ hɔ, ɔne ne yerenom baanu no nso, Yesreelni Ahinoam ne Abigail, Karmelni Nabal yere no.
3Na Dawid de mmarima a wɔne no nam no nso ne wɔn fifo bae, na wɔbɛtenatenaa Hebron nkurow mu.
42 Sa 5.3; 1 Sa 16.13; 31.12 Ɛnna Yuda mmarima bae bɛsraa Dawid sii Yuda fi so hene wɔ hɔ.
Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Yabes-gileadfo na wosiee Saul.
5Na Dawid somaa abɔfo kɔɔ Yabes-gileadfo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE nhyira nka mo sɛ moayɛ mo wura Saul adɔe sɛɛ, na moasie no.
6Na afei AWURADE ne mo nni no adɔe ne nokware so, na sɛ moayɛ saa ade yi nti, me nso mɛyɛ mo saa yiye yi bi.
7Na afei monhyɛ mo abasam den, na monyɛ mo ho mmarima na mo wura Saul awu, nanso Yuda fi asra me asi wɔn so hene.
Is-boset di Israel so hene8 1 Sa 14.50 Na Saul safohene Ner ba Abner faa Saul ba Is-boset de no kɔɔ Mahanaim,
9na ɔde no yɛɛ Gilead ne Asurifo ne Yesreel ne Efraim ne Benyamin ne Israel nyinaa so hene.
10Saul ba Is-boset bedii Israel so hene no na wadi mfirihyia aduanan, na odii hene mfe abien. Yuda fi nko na wodii Dawid akyi.
11Na nna a Dawid dii Yuda fi so hene Hebron no ano si mfirihyia ason ne asram asia.
Israel ne Yuda ntam ɔko12Na Ner ba Abner ne Saul ba Is-boset nkoa tu fii Mahanaim baa Gibeon.
13Na Seruia ba Yoab ne Dawid nkoa tu kɔe na wohyiae boaboaa wɔn ho ano Gibeon tare ho, eyinom boa ɔtare no fa ha, na eyinom boa ɔtare no fa ha.
14Na Abner ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Ma mmerante no nsɔre ngoru yɛn anim ɛ! Na Yoab kae sɛ: Wɔnsɔre ɛ!
15Ɛnna wobubuu wɔn ho ano sɔre kɔe. Benyamin ne Saul ba Is-boset de dumien, ne Dawid nkoa mu dumien.
16Na wɔn nyinaa susoo wɔn mfɛfo ti de wɔn nkrante wowɔɔ wɔn mfɛfo mfem na wɔtotɔe prɛko. Enti wɔfrɛɛ hɔ sɛ Helkat-hasurim a ase ne: Ano nnamnam afuw a ɛwɔ Gibeon.
17Na ɔko no mu yɛɛ den sɛ biribi da no, na Abner ne Israel mmarima no dii nkogu Dawid nkoa no anim.
Abner kum Asahel18 1 Be 2.16 Na Seruia mma baasa no wɔ hɔ. Yoab ne Abisai ne Asahel. Na Asahel nan ase yɛ hare sɛ wuram atwe no bi.
19Na Asahel taa Abner, na wamman ankɔ nifa anaa benkum amfi Abner akyi.
20Ɛnna Abner hwɛɛ n’akyi, na ɔkae sɛ: So wo Asahel ni? Na ose: Mene no.
21Na Abner ka kyerɛɛ no sɛ: Man wo nifa anaa wo benkum kɔkyere mmerante no mu bi na gye n’asade fa! Na Asahel ampɛ sɛ ɔsan fi n’akyi.
22Na Abner kɔɔ so ka kyerɛɛ Asahel bio sɛ: San fi m’akyi kɔ! Ɛdɛn nti na memmɔ wo menhwe fam? Na metumi mama m’ani so makyerɛ wo nua Yoab dɛn?
232 Sa 3.27 Nanso wampɛ sɛ ɔsan. Ɛnna Abner de ne peaw to wɔɔ ne yafunum, na peaw no hwirew n’akyi, na ɔhwee hɔ wui hɔ ara. Na ɛbae sɛ obiara du nea Asahel hwe wui hɔ a, ogyina komm.
24Na Yoab ne Abisai tiw Abner. Na owia kɔtɔe no na, wɔadu Amma koko a ɛda Gia anim Gibeon sare so kwan ho no so.
25Na Benyaminfo boaboaa wɔn ho ano gyinaa Abner akyi yɛɛ kuw biako, na wokogyinaa koko bi atifi.
26Na Abner frɛɛ Yoab sɛ: So nkrante nsɛe ade nkosi daa? So wunnim sɛ akyiri bɛyɛ awerɛhow? Na enkodu da bɛn ansa na woaka akyerɛ ɔman no sɛ wɔnsan mfi wɔn nuanom akyi?
27Na Yoab se: Sɛ Onyankopɔn te ase yi, sɛ woankasa a, anka efi anɔpa no, mmarima agyae wɔn nuanom akyidi kɔ dedaw.
28Ɛnna Yoab hyɛn torobɛnto, na ɔman no nyinaa gyinae, na wɔantaa Israel bio, nanso wɔankɔ so anko bio.
29Na Abner ne ne nnipa no faa Araba; tataw so nam anadwo no nyinaa twaa Yordan, nam awia mu no nyinaa koduu Mahanaim.
30Na Yoab san fii Abner akyi na ɔboaboaa ɔman no nyinaa ano, na aka Dawid nkoa no mu dunkron ne Asahel.
31Na Dawid nkoa no akunkum Benyamin ne Abner mmarima no mu nnipa ahasa aduosia.
32Na wɔsoaa Asahel kosiee no n’agya da a ɛwɔ Betlehem no mu. Na Yoab ne ne mmarima no nam anadwo no nyinaa, na ade kyee wɔn Hebron.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.