1Na ahene a wɔwɔ Yordan agya ha fam mmepɔw so nyinaa ne Sefela tataw so ne po kɛse no ano nyinaa de kɔ Lebanon ntentenso, Hetifo ne Amorifo, Kanaanfo ne Perisifo ne Hewifo ne Yebusifo no tee no,
2wobehyia boaa wɔn ho ano yɛɛ nokoro sɛ wɔne Yosua ne Israel rebɛko.
3 Yos 6.20-21; 8.26, 28 Na Gibeonfo tee nea Yosua yɛɛ Yeriko ne Ai no,
4wɔn de, wodii no nyansam, na wɔkɔpɛɛ akwansoduan, na wɔfaa mmɔtɔ adedaw de soasoaa wɔn mfurum, ne nsa nkotoku adedaw a asunsuane na wɔapompam.
5Na wɔde mpaboa adedaw a wɔasesa kyekyeree wɔn anan, na wɔhyehyɛɛ ntade agowagow, na wɔn akwansoduan nyinaa akyenkyen na agye ntuw.
6Na wosiim baa Yosua nkyɛn nsra mu wɔ Gilgal bɛka kyerɛɛ no ne Israel mma no sɛ: Akyirikyiri asase bi so na yefi bae, na afei mo ne yɛn nyɛ apam.
7Yos 11.19; Eks 23.32 Na Israel mma no ka kyerɛɛ Hewini no sɛ: Ebia yɛn mu na wote; na ɛbɛyɛ dɛn na yɛne wo bɛyɛ apam?
8Ɛnna wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Wo nkoa ne yɛn. Na Yosua bisaa wɔn sɛ: Henanom ne mo, na ɛhe na mufi?
9Na wose: AWURADE wo Nyankopɔn no din nti na wo nkoa fi akyirikyiri asase bi so aba, efisɛ yɛate ne nka ne nea ɔyɛe Misraim nyinaa,
10Num 21.21-35 ne nea ɔyɛɛ Amorifo ahene baanu a wɔwɔ Yordan agya no, Hesbonhene Sihon ne Basan hene Og a ɔtenaa Astarot no.
11Na yɛn mpanyimfo ne yɛn asase no sofo nyinaa ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Momfa akwansoduan na monkɔ nkohyia wɔn, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Mo nkoa ne yɛn, na afei mo ne yɛn nyɛ apam.
12Yɛn abodoo ni, ɛda a yɛresim aba mo nkyɛn no, yɛfaa no ɔhyew de fii yɛn afi mu, sɛ yɛrebedi ɔkwan so; na afei, monhwɛ, akyenkyen na agye ntuw.
13Na nsa nkotoku yi a yɛhyehyɛɛ no amaama na ɛyɛ foforo no, hwɛ, asunsuane, na ɔkwan no ware a ɛware nti yɛn ntade ne yɛn mpaboa yi asusuw.
14Num 27.21 Na mmarima no faa wɔn akwansoduan no bi, na AWURADE anom asɛm de, wɔammisa.
15Yos 9.7 Na Yosua ne wɔn dii no asomdwoe mu, na ɔne wɔn yɛɛ apam sɛ wɔbɛma wɔatena ase; na asafo no mu mmapɔmma kekaa wɔn ntam.
16Na wɔne wɔn yɛɛ apam no akyi nnansa no, wɔtee sɛ wɔbɛn wɔn na wɔte wɔn mu.
17Na Israelfo no tui, na wɔkɔtoo wɔn nkurow da a ɛto so abiɛsa no; na wɔn nkurow ne Gibeon ne Kefira ne Beerot ne Kiriat-yearim.
18Na Israelfo no ankum wɔn, efisɛ asafo no mu mmapɔmma akeka wɔn AWURADE Israel Nyankopɔn no ntam. Na asafo no nyinaa nwiinwii hyɛɛ mmapɔmma no.
19Na mmapɔmma no nyinaa ka kyerɛɛ asafo no nyinaa sɛ: Yɛaka wɔn AWURADE Israel Nyankopɔn ntam, enti ɛnsɛ sɛ yɛka wɔn.
202 Sa 21.1-2 Eyi na yɛbɛyɛ wɔn, na yɛama wɔatena ase, na ntam a yɛkaa wɔn no nti, abufuw amma yɛn so;
21na mmapɔmma no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔntena ase, na wɔnyɛ nnuatwafo ne nsusawfo mma asafo no nyinaa, sɛnea mmapɔmma no ka kyerɛɛ wɔn no.
22Na Yosua frɛɛ wɔn bae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na modaadaa yɛn kae sɛ: Yɛne mo ntam ware pa ara, na mote yɛn mu yi?
23Enti afei wɔadome mo, na mo mu na nkoa ne nnuatwafo ne nsusawfo a wɔbɛyɛ adwuma ama me Nyankopɔn fi no befi daa.
24Na wobuaa Yosua sɛ: Ampa ara, wɔka kyerɛɛ wo nkoa sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ n’akoa Mose sɛ ɔmfa asase no nyinaa mma mo na ɔnsɛe asase no sofo nyinaa mfi mo anim, na mo nti yesuroo yɛn nkwa ho papaapa, enti na yedii saa asɛm yi.
25Na afei, yɛn ni, yɛwɔ wo nsam, nea eye na ɛteɛ w’ani so a wobɛyɛ yɛn no, yɛ!
26Na ɔyɛɛ wɔn sa, na oyii wɔn fii Israelfo no nsam, na wɔankum wɔn.
27Deut 29.11 Na da no ara Yosua de wɔn yɛɛ nnuatwafo ne nsusawfo maa asafo no wɔ faako a ɔbɛpaw, na saa na wɔyɛe ara, de besi nnɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.