Atemmufo 1 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Akannifo no akodi

1 Ate 20.18 Na Yosua wu akyi no, Israelfo bisaa Awurade sɛ: Yɛn mu hena na onni kan ne Kanaanfo nkɔko?

2Na Awurade buaa sɛ: Yuda nni kan, hwɛ, mede asase no mahyɛ ne nsa.

3Na Yuda ka kyerɛɛ ne nua Simeon sɛ: Wo ne me nkɔ me kyɛfa mu na yɛne Kanaanfo nkɔko, na me nso me ne wo bɛkɔ wo kyɛfa mu. Na Simeon ne no kɔe.

4Na Yuda tu kɔe, na Awurade de Kanaanfo ne Perisifo no hyɛɛ ne nsa, na wokum nnipa ɔpedu wɔ Besek.

5Na wohuu Adoni-besek wɔ Besek, na wɔne no koe, na wokum Kanaanfo ne Perisifo no.

6Na Adoni-besek guanee, na wotiw no kɔkyeree no, na wotwitwaa ne nsa ne ne nan kokurobeti.

7Ɛnna Adoni-besek kae sɛ: Ahene aduɔsɔn a wɔn nsa ne wɔn nan kokurobeti atwitwa tasetasee me pon ase; sɛ meyɛe no, saa ara na Onyankopɔn ahyɛ me ananmu. Na wɔde no baa Yerusalem, na obewuu wɔ hɔ.

8Na Yuda mma no ne Yerusalem bɛkoe, na wɔfae, na wɔde nkrante kunkum wɔn, na wɔtoo kurow no mu gya.

9Yos 10.40; 11.22 Ɛno akyi no, Yudafo no sianee na wɔne Kanaanfo a wɔte bepɔw so ne nifa asase so ne po ho tataw so no kɔkoe.

10Na Yuda siim kɔɔ Kanaanfo a wɔte Hebron no ho, nso kan no na Hebron din ne Kiriat-arba, na wokum Sesai ne Ahiman ne Talmai.

Otniel(Yosua 15.13-19)

11Na wofi hɔ kɔɔ Debirfo ho, kan no na Debir din ne Kiriat-sefer.

12Na Kaleb kae sɛ: Nea ɔbɛbɔ Kiriat-sefer na ɔbɛfa no, mede me babea Aksa mɛma no aware.

13Na Kaleb ne nua kumaa Kenas ba Otniel kɔfae, na ɔde ne babea Aksa maa no aware.

14Na ɔbea no kɔɔ Otniel nkyɛn no, ɔhyɛɛ Otniel sɛ ommisa n’agya hɔ asase bi. Na Aksa fi n’afurum so sii fam. Na Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn na wohwehwɛ?

15Yos 15.13-19 Na Aksa ka kyerɛɛ no sɛ: Kyɛ me biribi ɛ! Na nifa asase na wode ama me, na ma me mmasu nso. Na Kaleb maa no Atifi mmasu ne Anafo mmasu.

16 Ate 4.11, 17; Num 10.29; Yos 12.14 Na Mose n’ase Kenini no mma ne Yudafo fi nkyeresia kurow no mu foro baa Yuda sare a ɛwɔ Arad nifa fam no so na wɔkɔ kɔtenaa ɔman no mu.

17Num 21.2 Na Yuda ne ne nua Simeon siim kɔe kokunkum Kanaanfo a wɔte Sefat no, na wɔsɛee no pasaa, na wɔfrɛɛ kurow no din Horma.

18Na Yuda kɔfaa Gasa ne ne hye ne Askelon ne ne hye ne Ekron ne ne hye.

19Na Awurade dii Yuda akyi, na odii bepɔw no so; na mmɔnsefo no de, wɔannya wɔn atuye, efisɛ wɔwɔ dade nteaseɛnam.

20Yos 14.6-15 Na wɔde Hebron maa Kaleb, sɛnea Mose kae no, na otuu Anak mma baasa no fii hɔ.

21 Yos 15.63; 18.28 Nanso Yebusifo a wɔte Yerusalem no de, Benyaminfo no antu wɔn, na Yebusifo no ne Benyaminfo no tenaa Yerusalem beduu nnɛ.

22Na Yosef fi nso foro kɔɔ Betel, na Awurade dii wɔn akyi.

23Gye 28.19 Na Yosef mma no soma ma wɔkɔsraa Betel, kan no na kurow no din de Lus.

24Na akwansrafo no huu ɔbarima bi a ofi kurow no mu, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛ yɛn kurow no mu ahyɛnee, na yɛne wo bedi no adɔe so.

25Yos 6.25 Na ɔkyerɛɛ wɔn kurow no mu ahyɛnee, na wɔde nkrante bɔɔ kurow no, na ɔbarima no ne n’abusua nyinaa de, wogyaa wɔn.

26Na ɔbarima no siim kɔɔ Hetifo asase so kɔkyekyee kurow, na ɔtoo no din Lus. Ɛno ne ne din de besi nnɛ.

27 Yos 17.11-13 Na Manase antu Bet-sean ne ɛho nkuraa ne Taanak ne ɛho nkuraa ne Dor ne ɛho nkuraa ne Yibleam ne ɛho nkuraa ne Megido ne ɛho nkuraa mufo. Ɛno nti Kanaanfo no tumi tenaa asase yi so.Yos 17.11-13

28Na Israel ho yɛɛ den no, wɔhyɛɛ Kanaanfo no ma wɔyɛɛ ɔsom adwuma, na mmom, wɔantu wɔn ase koraa.

29 Yos 16.10 Na Efraim antu Kanaanfo a wɔte Geser no; na Kanaanfo no tenaa wɔn mu wɔ Geser.

30Na Sebulon antu Kitronfo ne Nahalolfo; na Kanaanfo no tenaa wɔn mu, na wɔhyɛɛ wɔn de yɛɛ ɔsom adwuma.

31Aser antu Akofo ne Sidonfo ne Ahlab ne Aksib ne Helba ne Afik ne Rehob;

32na Aserfo no tenaa Kanaanfo a wɔte asase no so no mu, na wɔantu wɔn.

33 Yos 19.38 Naftali antu Bet-semesfo ne Bet-anatfo, na wɔtenaa Kanaanfo a wɔte asase no so no mu. Na Bet-semesfo ne Bet-anatfo na wɔhyɛɛ wɔn yɛɛ ɔsom adwuma.

34Amorifo no kaa Danfo no kɔɔ bepɔw no so, na wɔamma wɔansian ansi asase tamaa no so.

35Yos 19.42 Na Amorifo no tumi tenaa Heres bepɔw so wɔ Ayalon ne Saalbim, nanso Yosef fi nsa yɛɛ wɔn so den, na wɔhyɛɛ wɔn yɛɛ ɔsom adwuma.

36Na Amorifo hye fi Akrabim aforoee, efi Sela kɔ no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help