1Ɛnna Temanni Elifas buae sɛ:
2So onyansafo de nimdeɛ huhuw bebua,
na ɔde apuei mframa ahyɛ n’afuru ma?
3Ɔde nsɛm a ɛmfra beyi ntɛn,
ne nsɛnkekae a mfaso nni mu?
4Nso wotow onyamesuro kyene,
na wuhuan Onyankopɔn anim mpaebɔ adwene so.
5Na w’ano kyerɛ wo bɔne,
na woafa anifere tɛkrɛma.
6Wo ara w’ano na ebu wo fɔ, na ɛnyɛ me,
yiw, wo ankasa w’ano na edi adanse tia wo.
7So wone nea odi kan a wɔwoo no onipa,
na wonyinsɛn wo ansa na wɔyɛɛ nkoko?
8 Hiob 11.7; Rom 11.33 So wukotiee Onyankopɔn agyinatu,
na woasiw nyansa ano afa?
9 Hiob 13.2 Dɛn na wunim a yennim,
na wuhu mu a enni yɛn nkyɛn?
10Hwɛ nea wafuw dwen ne akwakoraa wɔ yɛn mu,
nea ɔsen w’agya panyin mpo.
11So Onyankopɔn awerɛkyekye ne,
nsɛm a ɔne wo ka no brɛoo no sua w’ani so anaa?
12Adɛn na wo koma twe wo kɔ,
na adɛn na w’ani pa anyinam,
13na wodan wo honhom tia Onyankopɔn
na woma nsɛnkekae fi w’anom?
14 Hiob 14.4 Hefo ne adasamma, na wɔn ho bɛtew,
anaa wɔn a ɔbea awo wɔn no bɛteɛ?
15 Hiob 4.18-19 Hwɛ, n’akronkronfo mpo ɔmfa ne ho nto wɔn so,
na ɔsoro ho nso ntew n’ani so.
16Na menne nea ne ho yɛ nwini na waporɔw,
onipa a ɔnom amumɔyɛ sɛ nsu.
17Mɛkyerɛ wo, na tie me;
na nea mahu no, mɛka akyerɛ wo.
18Nea anyansafo aka,
na wɔansiw so fi wɔn agyanom bere so,
19wɔn nko na wɔde asase no maa wɔn,
na ɔhɔho biara antwam wɔn mu.
20 Gye 4.14 Ɔbɔnefo ho yeraw no, ne nna nyinaa,
na wɔde mfe a wɔakan asie otirimmɔdenfo.
21Ehu nkate gyigye n’asom,
asomdwoe po mu na ɔsɛefo ba no so.
22Onnye nni sɛ ɔbɛsan afi sum mu,
na wɔayi no ama afoa.
23Okyini hwehwɛ aduan, se: Ɛhe na ɛwɔ?
Onim sɛ esum da abɛn no.
24Ahohia ne ahokyere yi no hu,
etintim no sɛ ɔhene
a wasiesie ne ho ama ɔko a ɛyɛ hu.
25Efisɛ wateɛ ne nsa wɔ Onyankopɔn so,
na watew Otumfo so atua.
26Ɔde kɔn a asen atow aba no so,
ne n’akyɛm akyi apɔwapɔw a emu yɛ duru no;
27 Nnw 73.7, 18-20 efisɛ wama ne srade akata n’anim,
na wama ne mfe mu adɔre srade,
28 Yos 6.26 na wakɔtena nkurow a agu so,
afi a obi nte mu na wɔahyɛ sɛ ɛnyɛ afituw mu:
29Ɔrennya ne ho, na n’adedodow nso rennyina,
na ne nnɔbae renkonkom mma fam;
30ɔremfa ne ho mfi sum mu,
ogyaframa bɛma ne nnubaa agunguan,
na mframa bɛpra ne hyerɛn akɔ;
31mma ɔmmfa ne ho nnto ahuhude so nnnaadaa ne ho,
na ahuhude ara na ɛbɛyɛ n’akatua.
32Ne da nnya nnui no na akatua no bɛba,
na ne dubaa renyɛ frɔmfrɔm;
33ɔbɛporow n’akasiaw abun sɛ obobe de,
na wawosow ne nhwiren agu sɛ ngodua de;
34na abɔnefo fekuw bɛyɛ abonin,
na ogya bɛhyew adammudegye ntamadan.
35 Nnw 7.14; Yes 59.4 Wonyinsɛn ɔhaw, na wɔwo mmusu,
na wɔn yafunu siesie nnaadaa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.