2 Ahene 22 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Yosia di Yuda so hene(2 Berɛsosɛm 34.1-2)

1 2 Be 34.1-28 Yosia bedii hene no, na wadi mfirihyia awotwe, na odii hene mfe aduasa biako Yerusalem. Na ne na din de Yedida, Adaia a ofi Boskat ba.

22 Ah 18.3; Deut 5.32 Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, na ɔnantew n’agya Dawid kwan nyinaa mu, na wamman ankɔ nifa anaa benkum.

3Na ɔhene Yosia afe a ɛto so dunwɔtwe no mu no, ɔhene somaa Mesulam ba Asalia ba ɔkyerɛwfo Safan kɔɔ AWURADE fi sɛ:

4Kɔ ɔsɔfo panyin Hilkia nkyɛn, na onyi sika a wɔde baa AWURADE fi, a ɔpon ano ahwɛfo aboa ano afi ɔman no nsam no ho nkontaa mma,

5na wɔmfa nhyɛ wɔn a wɔyɛ adwuma no a wɔde wɔn asisi AWURADE fi so no nsa, na wɔmfa mma AWURADE fi mu adwumayɛfo no sɛ wɔmfa mpompam ofi no mu adangow no,

6ne nnua adwumfo ne adansifo ne abantofo no, na wɔmfa ntotɔ nnua ne abo a wɔatwa, na wɔmfa mpompam ofi no;

72 Ah 12.15 nanso wɔne wɔn mmmu sika a wɔde ahyɛ wɔn nsa no ho nkontaa, efisɛ wɔyɛ no nokware mu.

Wohu mmara nhoma no

8Na ɔsɔfo panyin Hilkia ka kyerɛɛ ɔkyerɛwfo Safan sɛ: Mahu mmara nhoma no AWURADE fi. Na Hilkia de nhoma no maa Safan, na ɔkanee.

9Na ɔkyerɛwfo Safan baa ɔhene nkyɛn, na ɔde mu asɛm brɛɛ ɔhene sɛ: Wo nkoa ahwie sika a wohui ofi no mu no agu hɔ, na wɔde ahyɛ wɔn a wɔyɛ adwuma no a wɔde wɔn asisi AWURADE fi so no nsa.

10Na ɔkyerɛwfo Safan bɔɔ din kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɔsɔfo Hilkia de nhoma bi ama me. Na Safan kenkanee ɔhene anim.

11Na ɔhene tee mmara nhoma no mu nsɛm no, osunsuanee ne ntade mu.

12Na ɔhene hyɛɛ ɔsɔfo Hilkia ne Safan ba Ahikam ne Mikaia ba Akbor ne ɔkyerɛwfo Safan ne ɔhene akoa Asaia sɛ:

13Monkɔ nkobisa AWURADE mma me ne ɔman yi ne Yuda nyinaa, nhoma a moahu yi mu nsɛm no nti, na AWURADE abufuhyew a adɛw ahyɛ yɛn no yɛ kɛse, efisɛ yɛn agyanom antie nhoma yi mu nsɛm no sɛ wɔbɛyɛ sɛ wɔakyerɛw yɛn ho no.

Odiyifo bea Hulda

14Na ɔsɔfo Hilkia ne Ahikam ne Akbor ne Safan ne Asaia kɔɔ odiyifo bea Hulda a ɔyɛ Harhas ba Tikwa ba Salum, ntade sohwɛfo no, yere nkyɛn, nso na ɔte Yerusalem: Ɔfa a ɛto so abien mu, na wɔne no kasae.

15Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Monkɔka nkyerɛ ɔbarima a ɔsomaa mo me nkyɛn no sɛ:

16Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede bɔne mɛba ha ne ɛhafo so, sɛnea nhoma a Yuda hene akan no mu nsɛm nyinaa te no,

17Deut 31.29; 32.21-23 esiane sɛ wɔagyaw me, na wɔakɔhyew aduhuam ama anyame foforo, sɛ wɔde wɔn nsa ano adwuma nyinaa rehuru me bo, enti m’abufuhyew bɛdɛw ahyɛ ha yi, na ɛrennum.

18Na Yuda hene a ɔsomaa mo sɛ mummebisa AWURADE ade no de, sɛ monka nkyerɛ no ni: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Nsɛm a woate no de,

19esiane sɛ wo koma yɛ bɛtɛɛ na woabrɛ wo ho ase AWURADE anim, sɛ wotee nea maka, ɛha yi ne ɛhafo ho, sɛ wɔbɛdan amamfo ne nnome, na woasunsuane wo ntade mu na woasu m’anim nti, me nso mate, AWURADE na ose.

20Yes 57.1-2 Enti hwɛ, wobɛtoa w’agyanom wɔ asamando, na wɔasie wo wɔ damoa mu asomdwoe mu, na w’aniwa renhu ɔhaw a mede reba ha yi so no nyinaa. Na wɔde asɛm no besee ɔhene.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help