1 Ahene 6 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Solomon si Asɔredan no

1 2 Be 3.1-13 Na Israelfo fii Misraim asase so bae no akyi afe a ɛto so ahanan aduɔwɔtwe so no, Solomon dii Israel so hene afe a ɛto so anan mu, ɔsram Siw a ɛne ɔsram a ɛto so abien a ɛte sɛ Ogyefo no so no, osii AWURADE dan no.

2Na ɔdan a ɔhene Solomon si maa AWURADE no, basafa aduasa ne ne ntwemu, na basafa du ne ne tɛtrɛtɛ, na basafa dunum ne ne korɔn.

31 Ah 7.15-21; Yoh 10.23 Na abrannaa a ɛwɔ asɔrefi dan no anim no, basafa du ne ne ntwemu, sɛ ɔdan no trɛw no te no, basafa anum ne ne trɛw ɔdan no anim.

4Na ɔyɛɛ ɔdan no ho mfɛnsere a emu ahunaniankansa tintim mu.

5Na ɔtotoo ɔdan no fasu ho asansa nsɛmso de twaa ɔdan no afasu ho hyiae, asɔredan no ankasa ne mpiakyiri no ho, na ɔyɛɛ no mpia mpia hyiae:

6Ase mpia no, basafa abien ne fa ne ne trɛw, na mfinimfini de no, basafa abiɛsa ne ne trɛw, na nea ɛto so abiɛsa no, basafa abiɛsa ne fa ne ne trɛw, na ɔyɛɛ ɔdan no akyi mmamma hyiae, na mpuran no anhyɛn ɔdan no afasu mu.

7Na wɔresi ɔdan no, wɔde abo amuamu a wɔasiesie fi abotubea saa na esii: Na wɔresi no, wɔante asae anaa pɛe anaa adwinnade biara nka ɔdan no ho.

8Ase mpia no pon bi wɔ ɔdan no nifa fam, na wɔforo atrapoe nkyinkyimii kɔ mfinimfini de no mu, na wofi mfinimfini de no mu kɔ nea ɛto so abiɛsa no mu.

9Na osii dan no wiei no, ɔde kyeneduru mpuran ne ntaaboo kataa ɔdan no so.

10Na osisii nsɛmso no twaa ɔdan no ho nyinaa hyiae, basafa abien ne fa ne ebiara korɔn, na wɔde kyeneduru mpuran na esusoo ɔdan no mu.

11Na AWURADE asɛm baa Solomon nkyɛn sɛ:

122 Sa 7.13 Ɔdan yi a woresi yi, sɛ wonantew m’ahyɛde mu na woyɛ m’atemmude na wudi me mmara nsɛm nyinaa so sɛ wobɛnantew mu a, ɛnne mɛma m’asɛm a meka mekyerɛɛ w’agya Dawid no agyina ama wo;

13Eks 29.45 na mɛtena Israelfo mu, na merennyaw me man Israel.

14 Aso 7.47 Na Solomon sii dan no wiei.

15Na ɔde kyeneduru ntaaboo pam ɔdan no afasu no wɔ mu, ɔde nnua kataa mu fi ɔdan no fam kosi nsɛmso ani, na ɔde ɔpopaw ntaaboo sɛm ɔdan no fam.

16Na ɔde kyeneduru ntaaboo sii ɔdan no akyiri fam basafa du, fi fam kɔpem nsɛmso mpuran, na osii de emu yɛɛ mpiakyiri, ɛne kronkronbea no.

17Na kronkronbea a ɛwɔ kronkron mu kronkron no anim no yɛ basafa aduonu.

18Na ɔdan no mu kyeneduru ntaaboo no anim no, wodii so kukuduuduu ne nhwiren a ahanhan adwinni; ne nyinaa yɛ kyeneduru, wɔanhu ɔbo biara.

19Na osiesiee mpiakyiri no ɔdan no mu, sɛ wɔmfa AWURADE apam adaka no nsi hɔ.

20Na mpiakyiri no mu gow de, basafa adu ne ne ntwemu, na basafa du ne ne trɛw, na basafa du ne ne korɔn; na ɔde sika amapa duraa mu, na ɔde kyeneduru kataa afɔre pon no ho.

21Na Solomon de sika amapa duraa ɔdan no mu, na ɔde sika nkɔnsɔnkɔnsɔn twaa mpiakyiri no anim, na oduraa ho sika.

22Na ɔdan no nyinaa, ɔde sika duraa mu kosii sɛ ehyiaa ɔdan no mu nyinaa, na afɔre pon a ɛyɛ mpiakyiri de no, ɔde sika duraa ho nyinaa.

23 Eks 37.7-9 Na mpiakyiri no mu hɔ no, ɔde ngodua yɛɛ kerubim abien, na basafa anum ne ne tenten.

24Na kerubim no ntaban biako si basafa abien ne fa, na kerubim no ntaban biako no nso si basafa abien ne fa, efi ne ntabantiri ano kosi ne ntabantiri ano si basafa anum.

25Na kerubim a otia abien no nso yɛ basafa anum; kerubim abien no nyinaa yɛ nsusuwii koro ne suban koro.

26Kerubim biako tenten si basafa anum, na biako no nso saa ara.

27Na ɔde kerubim no sisii akyiri dan no mu, na kerubim no trɛtrɛw wɔn ntaban mu, na obiako ntaban ka ɔfasu, na obiako ntaban ka ɔfasu biako no nso, na wɔn ntaban no hyia ɔdan no mfinimfini, ntaban pem ntaban anim.

28Na ɔde sika duraa kerubim no ho.

29Na odii ɔdan no afasu no nyinaa ho adwinni hyiae, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanhan, pia no mu ne asa no so.

30Na ɔdan no fam nso, ɔde sika duraa hɔ, pia no mu ne asa no so.

31Na mpiakyiri no ano no, ɔde ngodua yɛɛ aponnta, apongua no atifi ne nkyɛn mu yɛ ɔfasu no mu abupɛn anum mu biako.

32Na ngodua aponnta abien no, odii so adwinni, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanhan, na ɔde sika duraa ho, na ɔde sika kataa kerubim ne mmɛ no so.

33Saa ara nso na ɔde ngodua yɛɛ asɔredan no ano apongua no, ɔfasu no mu abupɛn anan mu biako;

34na ɔde ɔpopaw nnua yɛɛ apon abien: Ɔpon biako wɔ afa abien a etumi dannan, na ɔpon biako no nso wɔ afa abien a etumi dannan;

35na odidii mu adwinni, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanhan; na ɔde sika duraa ho, na ɔkeka tintim nkurukyerɛwee no mu.

36Na ɔyɛɛ emu fam abangua no, abo a wɔasinsen kyerɛpɛn abiɛsa ne kyeneduru mpuran kyerɛpɛn biako.

371 Ah 6.1 Afe a ɛto so anan no mu, ɔsram Siw a ɛte sɛ Ogyefo mu na wɔhyɛɛ AWURADE dan no ase,

38na n’ahenni afe a ɛto so dubiako ɔsram Bul a ɛne ɔsram a ɛto so awotwe no mu na wowiee ofi no, ne ɛho nneɛma ne ne yɛbea nyinaa fam, na mfe ason na wɔde sii.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help