1 Rom 10.20 Medaa me ho so metwɛn wɔn a wɔammisa m’akyi kwan no;
na wɔn a wɔanhwehwɛ me no, metwɛnee sɛ anka wobehu me.
Mekae sɛ: Mini, mini,
mekyerɛɛ ɔman a wɔammɔ me din no.
2 Mmb 1.24; Yer 3.17 Mebae me nsam daa adesae
mekyerɛɛ ɔman asowuifo,
wɔn a wɔnam ɔkwan a enye so
di wɔn adwene akyi;
3ɔman a woyi me ahii
m’anim daa yi,
wɔbobɔ afɔre nturo mu,
na wɔhyew nnuhuam ntayaa so,
4 Yes 66.17; Lew 11.7 wɔtenatena adamoa mu,
deda nkokoam,
wodi prakonam,
na akyide nkwan wɔ wɔn nkutu mu,
5wɔka sɛ: Twe wo ho,
nka me, na me ho tew sen wo no.
Eyinom ne me hwene mu wusiw,
ogya a ɛdɛw daa adesae.
6Hwɛ, wɔakyerɛw wɔ m’anim:
Merenyɛ komm, na metua so ka,
yiw, metua so ka magu wɔn kokom.
7Mɛka mo amumɔyɛde
ne mo agyanom amumɔyɛde
mabom matua so ka,
AWURADE na ose;
sɛ wɔahyew aduhuam wɔ mmepɔw so
na wɔasopa me wɔ nkoko so nti,
mesusuw wɔn kan nsɛnnii no so
magu wɔn kokom.
8 Gye 18.26; Yes 6.13 Sɛ AWURADE se ni:
Sɛnea nsa ba bobe aba kasiaw mu a,
wɔka sɛ: Nsɛe no,
na nhyira wɔ mu no,
saa na me nkoa nti mɛyɛ,
na mansɛe wɔn nyinaa.
9Na meyi asefo mafi Yakob mu,
ne me bepɔw sodifo mafi Yuda mu,
na wɔn a mapaw wɔn no bedi so,
na me nkoa atena hɔ.
10 Yos 7.26 Na Saron bɛdan nguankuw adidibea,
na Akor bon no ayɛ anantwi dabea
ama me man a wɔhwehwɛ m’akyi kwan no.
Ɔman waefo no asotwe11Na mo a mugyaw AWURADE
na mo werɛ fi ne bepɔw kronkron no
na motow pon ma siade bosom
na mohyɛ mfrasa nkuruwa amaama ma hyɛbea bosom no,
12 Yes 65.2; 66.4 me nso mede mo mɛma afoa,
na mo nyinaa moakotow ama okum;
efisɛ mefrɛe, na moannye so,
mekasae, na moantie,
na moyɛɛ nea ɛyɛ m’ani so bɔne,
na nea mempɛ na mopawee.
13 Yes 55.1 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni:
Hwɛ, me nkoa bedidi,
na mo de, mubedi kɔm;
hwɛ, me nkoa bɛnom,
na mo de, mubedi sukɔm;
hwɛ, me nkoa ani begye,
na mo de, mo ani bewuwu;
14hwɛ, me nkoa de koma pa bɛto ahurusi dwom,
na mo de, mode koma mu yaw bɛteɛm,
na mode honhom a abubu asu yɔɔ.
15 Yes 62.2 Na mubegyaw mo din de ayɛ ntanka ama wɔn a mapaw wɔn,
na AWURADE Nyankopɔn bekum wo,
na wato ne nkoa din foforo,
16 Yes 19.18; Yer 4.2; 12.16 na ama nea ohyira ne ho asase so no
ahyira ne ho nokwaredi Nyankopɔn mu,
na nea ɔka ntam asase so no
aka nokwaredi Nyankopɔn no ntam,
na wɔn werɛ befi kan amanehunu no,
na ahintaw afi m’anim.
Ɔsoro foforo ne asase foforo17 Yes 66.22; 2 Pe 3.13; Adi 21.1 Na hwɛ, merebɔ ɔsoro foforo
ne asase foforo,
na wɔrenkae kan de no
na ɛremma adwene mu bio;
18 Yes 35.10 na mmom, momma mo ho nsɛpɛw mo
na munni ahurusi daadaa,
ade a merebɔ no nti;
na hwɛ, merebɔ Yerusalem ama ayɛ ahurusidi,
ne ne man, ama ayɛ ahosɛpɛw.
19 Yes 25.8 Na medi Yerusalem ho ahurusi,
na me ho asɛpɛw me me man ho,
na wɔrente osu ne nteɛteɛm wɔ mu bio.
20 Sak 8.4 Wɔrenhu emu abotafowa
a ne nna nware bio,
anaa akwakoraa a wanwie ne nna di;
na aberante bedi mfirihyia ɔha ansa na wawu,
na ɔdebɔneyɛfo a wadi mfe ɔha mpo no yɛ nea wɔadome no.
21 Yes 62.8 Na wobesisi adan atena mu,
na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba.
22 Deut 28.30 Wɔrensisi adan mma obi ntena mu,
na wɔrennua mma obi nni,
na me man nna bɛware ayɛ sɛ dua nna,
na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma.
23Wɔrenyɛ adwumahunu,
na wɔrenwo mma ɔpatuwu,
efisɛ wɔyɛ wɔn a AWURADE ahyira wɔn no asefo,
wɔne wɔn mma.
24 Yes 30.19; 58.9 Na wonnya mfrɛe no, megye so;
wɔda so rekasa no, metie.
25 Yes 11.6-9 Habɔdɔm ne oguammaa bedidi faako,
na gyata awe wura sɛ nantwi;
na ɔwɔ de, dɔte na ɛbɛyɛ n’aduan;
wɔrempira na wɔrensɛe ade bio,
me bepɔw kronkron no nyinaa so,
AWURADE na ose.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.