Asomafo 25 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Paulo de n'asɛm kɔdan Kaesare

1Na afei Festo baa ne man a odi so amrado no mu, na nnansa akyi no, ofi Kaesarea kɔɔ Yerusalem.

2Aso 24.1 Na asɔfo mpanyin ne Yudafo no bɛbɔɔ Paulo ho nkuro kyerɛɛ no,

3Aso 23.15 na wɔpaa no kyɛw srɛɛ no sɛ ɔnnom wɔn, na ɔnsoma nkɔfa no mmra Yerusalem; na anka wɔatɛw no ɔkwan mu akum no.

4Na Festo buae sɛ Paulo ntena Kaesarea, na ɛrenkyɛ na ɔno ankasa akɔ hɔ.

5Na ɔkae sɛ: Enti momma mo mu atitiriw ne me nkɔ, na sɛ ɔbarima yi ho wɔ asɛm bi a, wɔne no nkɔbɔ nkuro.

6Na odii wɔn nkyɛn bɛboro nnawɔtwe anaa dadu no, osian kɔɔ Kaesarea. Na ade kyee a ɔkɔtenaa asɛnni agua so no, ɔhyɛe sɛ wɔmfa Paulo mmra.

7Na ɔbae no, Yudafo a wofi Yerusalem bae no betwaa ne ho hyiae, na wɔkaa ne ho nsɛmmɔne pii a emu yɛ duru a wontumi nkyerɛ ase.

8Na Paulo yii ano sɛ: Menyɛɛ Yudafo mmara anaa asɔrefi anaa Kaesare ho bɔne bi ɛ.

9Na Festo pɛe sɛ ɔsɔ Yudafo ani nti, obuaa Paulo sɛ: Wopɛ sɛ wokɔ Yerusalem, na wɔabu wo nneɛma yi ho ntɛn m’anim wɔ hɔ?

10Na Paulo kae sɛ: Kaesare asɛnni agua anim na migyina, na ɛha na ɛsɛ sɛ wobu me ntɛn, na Yudafo de, menyɛɛ wɔn bɔne bi ɛ, sɛnea wo nso wunim yiye.

11Na sɛ midi fɔ anaasɛ mayɛ biribi a ɛsɛ owu a, menhwehwɛ sɛ owu no bɛpare me; na sɛ nneɛma a enti wɔtoto m’ano yi biara nnim a, obiara ntumi mfa me nhyɛ wo nsa. Mede asɛm no medan Kaesare.

12Ɛnna Festo ne baguafo no kasae no, obuae sɛ: Wode akɔdan Kaesare a, Kaesare nkyɛn na wobɛkɔ.

Festo ka Paulo ho asɛm kyerɛ Herode Agripa

13Na nna bi twaam no, ɔhene Agripa ne Berenike baa Kaesarea bekyiaa Festo.

14Aso 24.27 Na wɔkyɛɛ hɔ nti, Festo kaa Paulo ho asɛm no kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Ɔbarima bi wɔ hɔ a Felike gyaw no mpokyerɛ mu;

15na mekɔɔ Yerusalem no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo bɛbɔɔ ne ho nkuro kyerɛɛ me srɛɛ me sɛ mimmu no ntɛn.

16Na mibuaa wɔn sɛ ɛnyɛ Romafo amanne sɛ wobeyi onipa bi ama, gye sɛ nkurobɔfo no ne nea wɔne no wɔ nkuro no ahyia, na wanya ɔkwan ayi nea wɔde ato no so no ano ansa.

17Enti wobehyiaa ha no, mantwe asɛm no manto hɔ, na ade kyee no, mekɔtenaa asɛnni agua so, na mehyɛe sɛ wɔmfa onipa no mmra.

18Na ne nkurobɔfo no begyinaa ne ho no, wɔanka nsɛm a misusuwii no biara angu no so,

19Aso 18.15 na mmom wɔn ankasa nyamesom ho akyinnye bi na wɔne no gyei, ɛne Yesu bi a wawu a Paulo ka sɛ ɔte ase.

20Na esiane sɛ minhu sɛnea mɛhwehwɛ saa akyinnyegye yi mu nti, mibisaa no sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem na wɔakobu no nsɛm yi ho atɛn anaa?

21Na Paulo srɛɛ sɛ wɔmfa no nsie ntwɛn Ɔhempɔn no ano asɛm. Eyi nti mehyɛe sɛ wɔmfa no nsie kosi sɛ mede no bɛkɔ Kaesare anim.

22Luka 23.8 Na Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ: Anka me nso mepɛ sɛ mitie onipa no. Na ose: Ɔkyena wubetie no.

Paulo gyina Agripa anim

23Enti ade kyee no, Agripa ne Berenike de ahokeka a ɛte apɔw bae, na wɔne asafohene ne kurom hɔ nnipa a wɔwɔ din kɔɔ nea wotie asɛm no, na Festo hyɛe no, wɔde Paulo bae.

24Aso 25.2; 25.7; 2.22 Na Festo kae sɛ: Ɔhene Agripa ne mmarima a mo ne yɛn wɔ ha yi nyinaa, moahu nea Yudafo nyinaa de n’asɛm aba m’anim Yerusalem ne ɛha yi, na wɔka sɛ ɛnsɛ no sɛ ɔtena ase bio no.

25Mahu sɛ ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ owu, nanso ɔno ankasa de asɛm no akɔdan Ɔhempɔn nti, mahyɛ sɛ mɛma wɔde no akɔ hɔ.

26Nanso minni ne ho asɛm pa bi a mɛkyerɛw makɔma owura; enti na mede no maba mo anim, ne titiriw no, ɔhene Agripa, anim, na sɛ wonya hu asɛm no mu a, manya biribi makyerɛw.

27Na ɛyɛ me sɛ nyansa biara nnim sɛ mema wɔde ɔdeduani no bɛkɔ, na menkyerɛ asɛm ko a wɔde ato no so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help